Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Yɛ Nhoma Bɛn?

Bible Yɛ Nhoma Bɛn?

Nea Bible Ka

 Nhoma kronkron mmaako mmaako 66 na ɛka bom yɛ Bible. Bere a wɔfii ase kyerɛw Bible no, edii bɛyɛ mfe 1,600 ansa na wɔrekyerɛw awie. Bible mu nsɛm nyinaa fi Onyankopɔn hɔ, enti yetumi frɛ no “Onyankopɔn asɛm.”—1 Tesalonikafo 2:13.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Bible no ho nsɛm bi

  •   Hena na ɔkyerɛw Bible no? Bible no fi Onyankopɔn hɔ, nanso ɔnam mmarima bɛyɛ 40 so na ɛkyerɛwee. Wɔn mu bi ne Mose, Ɔhene Dawid, Mateo, Marko, Luka, ne Yohane. a Onyankopɔn de ne nsɛm hyɛɛ mmarima no tirim, ɛnna wɔkyerɛw too hɔ.—2 Timoteo 3:16.

     Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia adwumawura bi bɛka akyerɛ ne kyerɛwfo sɛ ɔnkyerɛw krataa bi mma no, na ebia ɔbɛbɔ asɛm a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw no tɔfa ama no mpo, na ɔkyerɛwfo no ankasa de ne nsɛm akyerɛw krataa no. Ɔkyerɛwfo no wie krataa no a, yɛrenka sɛ ɛyɛ ne dea, mmom yɛbɛka sɛ ɛyɛ adwumawura no dea. Saa ara na Bible no te. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam nnipa so na ɛkyerɛwee de, nanso emu nsɛm no de, ɛyɛ ne dea.

  •   Asɛmfua “Bible” kyerɛ sɛn? Asɛmfua “Bible” fi Greek asɛm biblia mu. Biblia kyerɛ “nhoma nketewa.” Eduu baabi no, nhoma nketewa a ɛka bom yɛ Bible no nyinaa na na wɔfrɛ no biblia.

  •   Bere bɛn na wɔkyerɛw Bible no? Wɔfii ase kyerɛw Bible no afe 1513 A.Y.B., na wɔde mfe 1,600 ne akyi na ɛkyerɛw wiei, wɔ afe 98 Y.B. mu hɔ baabi.

  •   Bible no, tete de paa a wɔkyerɛwee no wɔ he? Bible no, tete de paa a akyerɛwfo no ankasa de wɔn nsa kyerɛwee no, emu biara nni hɔ nnɛ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, tete no, wɔkyerɛw Bible no wɔ nneɛma bi te sɛ krataa a wɔde mmɛw ayɛ, ne aboa nhoma so. Ɛno nso de, etumi sɛe. Nanso na nnipa bi wɔ hɔ a wɔn adwuma ne sɛ, wɔhwɛ nhoma so kyerɛw bi to hɔ. Nea wɔyɛe ne sɛ, wɔnyaa abotare hwɛɛ Bible a na ɛwɔ hɔ no so kyerɛw bi too hɔ. Wɔyɛɛ saa mfe pii, sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma benya Bible no bi akan.

  •   Dɛn ne “Apam Dedaw” ne “Apam Foforo” no? Sɛ nkurɔfo ka Apam Dedaw a, nea wɔrepɛ akyerɛ ne Bible no fã a wɔde Hebri kasa b kyerɛw emu dodow no ara no. Ɛno ara nso na yɛfrɛ no Hebri Kyerɛwnsɛm no. Nea wɔfrɛ no Apam Foforo no yɛ Bible no fã a wɔkyerɛw no wɔ Greek kasa mu no. Wɔsan frɛ no Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no. Woka ne mmienu no bom a na yɛfrɛ no Kyerɛw Kronkron no. c

  •   Bible no, dɛn na ɛwom? Bible no, abakɔsɛm wom, mmara wom, nkɔmhyɛ wom, anwensɛm wom, mmebusɛm wom, nnwom wom, ɛnna nkrataa a ebinom kyerɛw kɔmaa afoforo nso wom.—Hwɛ “ Nhoma a Ɛwɔ Bible Mu No Din.”

 Asɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu?

 Bible ma yehu wɔ ne mfiase pɛɛ sɛ, Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no bɔɔ ɔsoro ne asaase. Yehowa bɔ ne din kyerɛ yɛn wɔ Bible mu, na ɔnam so ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no na yenhu no yiye.—Dwom 83:18.

 Bible ma yehu sɛ, ebinom asɛe Onyankopɔn din, na ɛkyerɛ ɔkwan a ɔbɛfa so atew ne din ho.

 Bible ma yehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne asaase no. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn beyi nneɛma a ɛma nnipa hu amane no nyinaa afi hɔ.

 Bible ma yenya afotu pa a yebetumi de abɔ bra. Ebi na edidi so yi:

  •   Sɛnea yɛne nnipa bɛtena yiye. “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

     Nea Ɛkyerɛ: Sɛnea yɛpɛ sɛ nkurɔfo ne yɛn tena no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne wɔn tena.

  •   Nea yɛbɛyɛ na adwinnwen anhyɛ yɛn so. “Ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da, efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen.”—Mateo 6:34.

     Nea Ɛkyerɛ: Ɛnsɛ sɛ yɛde nea ebesi daakye haw yɛn ho pii. Nea yɛte ho nnɛ no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so.

  •   Nea ɛbɛma aware asɔ. “Mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”—Efesofo 5:33.

     Nea Ɛkyerɛ: Ɔdɔ ne obu ma aware sɔ.

 Bible mu nsɛm asesa anaa?

 Daabi. Bible no, tete de paa a akyerɛwfo no ankasa de wɔn nsa kyerɛwee no, ebinom hwɛɛ so kyerɛw bi. Abenfo ato wɔn bo ase de Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no atoto nea nkurɔfo kyerɛwee no ho, na wɔahu sɛ asɛm a ɛwɔ Bible mu no, nea ɛte ara na ɛte. Ntease wom sɛ asɛm no nsesae. Adɛn ntia? Wo de hwɛ oo, Onyankopɔn pɛ sɛ nkurɔfo kenkan n’asɛm no na wɔte ase. Enti wunhu sɛ ɔbɛhwɛ sɛ asɛm a ɛwom no rensesa? dYesaia 40:8.

 Adɛn nti na wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa bebree mu saa?

 Tete kasa a wɔde kyerɛw Bible no, wɔn a wɔkenkan Bible nnɛ no dodow no ara nte ase. Nanso “asɛmpa” a ɛwɔ Bible mu no, ɛsɛ sɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa” nyinaa te bi. (Adiyisɛm 14:6) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ nkurɔfo nya Bible wɔ kasa a wɔte ase mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi akenkan Onyankopɔn asɛm na wɔate ase yiye.

 Akwan mmiɛnsa na nkurɔfo fa so kyerɛ Bible ase:

  •   Ebinom kyerɛ ase traa anaa tee, kyerɛ sɛ, wɔfa asɛmfua biara a, na wɔde ne nkyerɛase ato hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɛn kasa a wɔde kyerɛw Bible no.

  •   Ebinom hwɛ adwene a ɛwɔ nsɛm no akyi, na wɔde akyerɛ ase, kyerɛ sɛ, wɔrekyerɛ asɛm bi ase a, wɔhwɛ asɛm a tete de no kae no a, na wɔahwɛ ntease a ɛwom, na wɔde akyerɛ ase.

  •   Ebinom fa asɛm no a, na wɔaka no sɛnea wɔn ankasa pɛ sɛ wɔka no, kyerɛ sɛ, wɔde wɔn ankasa nsɛm ka no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma asɛm no ayɛ dɛ. Nanso esiane sɛ wɔn ankasa ka no sɛnea wɔpɛ nti, ɛtɔ da a, na ama ntease paa a ɛwom no asesa.

 Wofa Bible bi a, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wɔakyerɛ ase yiye? Ɛne sɛ, baabi a wɔkyerɛ ase traa a ntease bɛbam mu no, wɔyɛ no saa. Sɛ wɔkyerɛ nsɛm bi ase traa na sɛ ɛbɛma ntease no ayera a, ɛnde wɔka no ɔkwan foforo so ma ntease no ba yiye. Nsɛm a wɔde kyerɛ ase no, ɛda fam a obiara te ase, sɛnea ɛbɛyɛ a obi kan a, Onyankopɔn asɛm a ɔde rema adasamma no, ɔbɛte ase pɛpɛɛpɛ. e

 Hena na ɔkyerɛɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ ɛba Bible mu?

 Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no, enti ɔno na ɔkyerɛɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ ɛkɔ mu. Tete Israel man no na odii kan de ne “nsɛm kronkron no hyɛɛ wɔn nsa.” Wɔn na ɔde Hebri Kyerɛwnsɛm no maa wɔn sɛ wɔnhwɛ so.—Romafo 3:2.

 Nhoma ahorow a ɛka bom yɛ Bible no, ebi ayera anaa?

 Daabi. Nhoma a ɛka bom yɛ Bible no, ne nyinaa wom; baako koraa nyerae. Ebinom ka sɛ, tete nhoma ahorow bi wɔ hɔ a wɔde asie fi teteete, na wɔka sɛ saa nhoma no, ne nyinaa ka Bible no ho. f Nanso, Bible no ara wɔ kwan a ɛfa so ma yehu sɛ nhoma bi fata sɛ ɛka ho anaa. (2 Timoteo 1:13) Ɛne sɛ, nhoma a ɛwɔ Bible mu no, Onyankopɔn nam ne honhom so na ɛma wɔkyerɛwee, enti emu nsɛm no nyinaa hyia. Nanso tete nhoma a nkurɔfo keka sɛ ɛsɛ sɛ ɛka Bible ho no de, emu nsɛm no nam baabi koraa. g

 Wopɛ sɛ wubue Bible kyerɛwsɛm bi a, wobɛyɛ no sɛn?

  Nhoma a ɛwɔ Bible mu no din

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nhoma a ɛwɔ Bible mu nyinaa, wɔn a wɔkyerɛw saa nhoma no, ne bere a wɔkyerɛw nhoma no a, yɛsrɛ wo, hwɛ “Bible Mu Nhoma a Wɔahyehyɛ.”

b Wɔkyerɛw Bible no fã kakraa bi wɔ Aram kasa mu. Ɛyɛ kasa bi a ɛne Hebri di nsɛ paa.

c Nnipa a wɔkenkan Bible no pii taa frɛ Bible afã mmienu no “Hebri Kyerɛwnsɛm” ne “Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm” sen sɛ wɔbɛfrɛ no “Apam Dedaw” ne “Apam Foforo.” Nea enti a wɔfrɛ afã ahorow no “Hebri Kyerɛwnsɛm” ne “Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm” ne sɛ, ɛremma nkurɔfo nnya adwene sɛ, “Apam Dedaw” no atwam ama “Apam Foforo” no abesi n’anan.”

e Esiane sɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no kan nyɛ den, na wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ nti, nnipa pii ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan. Hwɛ asɛm a yɛato din “Is the New World Translation Accurate?

f Saa nhoma ahorow yi, wɔka bom frɛ no Apokrifa. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ, “sɛ yɛreka Bible asɛm na yɛka [Apokrifa] a, ɛkyerɛ nhoma a ɛnsɛ sɛ ɛka Bible no ho. Kyerɛ sɛ, nhoma a ɛka bom yɛ Bible no, saa nhoma no nka ho.—Encyclopædia Britannica.

g Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “Apokrifa Nsɛmpa—Ɛma Yehu Yesu Ho Nokwasɛm a Ahintaw Anaa?