Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Me Tiboa Bu Me Fɔ—Bible Betumi Aboa Me Ama Me Ho Atɔ Me Anaa?

Me Tiboa Bu Me Fɔ—Bible Betumi Aboa Me Ama Me Ho Atɔ Me Anaa?

Nea Bible Ka

 Aane. Sɛ yɛn tiboa anaa yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, Bible betumi aboa yɛn ama yɛn ho atɔ yɛn. (Dwom 32:1-5) Sɛ yɛyɛ bɔne na sɛ yenu yɛn ho paa a, Onyankopɔn de bɛkyɛ yɛn, na waboa yɛn ama yɛn ho atɔ yɛn. (Dwom 86:5) Bible kyerɛ sɛ, sɛ yɛn tiboa bu yɛn fɔ a, ɛtɔ da bi a ɛboa yɛn. Sɛ yɛreyɛ biribi a ɛnyɛ a, etumi ma yegyae, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ bio. (Dwom 51:17; Mmebusɛm 14:9) Nea yɛaka yi nti, Bible tu yɛn fo sɛ yemmmu yɛn ho fɔ mmmoro so nka sɛ ebia anidaso nyinaa asa anaa Onyankopɔn mfa yɛn nyɛ hwee bio. Sɛ yebu yɛn ho fɔ tra so saa a, ɛbɛma yɛn “aba mu abu.”—2 Korintofo 2:7, Contemporary English Version.

 Dɛn na ebetumi ama yɛn tiboa abu yɛn fɔ?

 Nneɛma bebree betumi ama yɛn tiboa abu yɛn fɔ. Ebetumi ayɛ yɛn sɛ yɛafom yɛn ho nnipa bi anaa ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛantumi anyɛ biribi a anka ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛtɔ da a, yɛn tiboa betumi abu yɛn fɔ nanso na yenni fɔ. Wo deɛ hwɛ, sɛ yɛde mmara a ɛho nhia kyekyere yɛn ho denneennen a, bere biara a yɛantumi anni so no, ɛbɛma yɛn tiboa abu yɛn fɔ kwa. Ɛno nti na Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ biribiara mu no, yɛnyɛ nea yɛn ahoɔden betumi, efisɛ yɛrentumi nyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ.—Ɔsɛnkafo 7:16.

 Sɛ me tiboa bu me fɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na me ho atɔ me?

 Sɛ yɛn tiboa bu yɛn fɔ a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn aba mu bu. Nea yɛyɛe no mmom na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden gyae. Yɛbɛyɛ no sɛn?

  •   Gye tom sɛ woayɛ bɔne. Bɔ Yehowa a Nyankopɔn mpae na srɛ no sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. (Dwom 38:18; Luka 11:4) Sɛ wunu wo ho, na sɛ ɛyɛ wo yaw paa sɛ woyɛɛ saa bɔne no, na woyere wo ho paa sɛ worenyɛ bio a, ɛnde wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn betie wo. (2 Beresosɛm 33:13; Dwom 34:18) Nipa biara nnim yɛn koma mu asɛm, nanso ɔno de, ɔnim. Sɛ Onyankopɔn hu sɛ yɛreyere yɛn ho sɛ yɛrenyɛ bɔne no bio a, “ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni, enti ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.”—1 Yohane 1:9; Mmebusɛm 28:13.

     Wohwɛ na sɛ woayɛ obi bɔne a, ɛnde ebehia sɛ wugye tom, na wuyi wo komam pa no kyɛw. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ saa! Egye akokoduru ne ahobrɛase ansa na woatumi apa kyɛw. Nanso sɛ wuyi wo komam pa kyɛw a, edi nneɛma mmienu bi a ehia ho dwuma. Ɛne sɛ: Eyi adesoa duruduru fi wo so, na ɛma asomdwoe ba wo ne onipa a woayɛ no bɔne no ntam.—Mateo 3:8; 5:23, 24.

  •   Kyerɛwnsɛm a ɛfa Onyankopɔn mmɔborɔhunu ho no, dwinnwen ho. Wo deɛ, hwɛ 1 Yohane 3:19, 20 sei. Ɛhɔ no, Bible ma yehu sɛ, ‘yɛn koma betumi abu yɛn fɔ.’ Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yebebu yɛn ho fɔ dodo, na ebia yɛate nka sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn bio. Nanso, saa kyerɛwnsɛm no ara san ka sɛ, “Onyankopɔn so sen yɛn koma.” Ɛkyerɛ sɛn? Nea ɛkyerɛ ne sɛ, onim yɛn ho biribiara, na nea ɛrekɔ so wɔ yɛn mu ne nea ɛma yɛyɛ bɔne nso, onim ne nyinaa. Afei nso, onim sɛ wɔwoo yɛn bɔne mu, enti ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ bɔne. b (Dwom 51:5) Enti sɛ obi yɛ bɔne, na onu ne ho paa a, Onyankopɔn mpo no anaa onyi no tokyene.—Dwom 32:5.

  •   Mfa w’adwene nkɔ nea atwam no so. Mmarima ne mmea a wɔyɛɛ bɔne a akyiri yi wonuu wɔn ho no, bebree ho asɛm wɔ Bible mu. Baako ne Saul a ofi Tarso, a akyiri yi yɛbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paul no. Bere a ɔyɛ Farisini no, odii Yesu akyidifo no ani paa. (Asomafo Nnwuma 8:3; 9:1, 2, 11) Bere a ohui sɛ sɛɛ Onyankopɔn, ɛne Mesia anaa Kristo na ɔreko tia wɔn no, ɔsakrae, ɔsesaa n’adwene, na ɔbɛyɛɛ Kristoni amapa. Ɛyɛ ampa sɛ ɛyɛɛ Paul yaw paa sɛ ɔyɛɛ saa nneɛma no, nanso wamfa n’adwene ansi nea atwam no so. Ɛnam sɛ na Paul nim sɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu dɔɔso wɔ ne so nti, Paul yeree ne ho kaa asɛmpa no denneennen, na ne werɛ amfi daa nkwa ho anidaso no da.—Filipifo 3:13, 14.

 Kyerɛwnsɛm a ɛfa afobu ne bɔnefakyɛ ho

 Dwom 51:17: “O Onyankopɔn, worempo koma a abubu na apɛtɛw.”

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn bɔne, na sɛ ampa ara woanu wo ho a, ɔrenka sɛ bɔne no nti wapo wo. Obehu wo mmɔbɔ.

 Mmebusɛm 28:13: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye, na obiara a ɔka ne mmarato na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.”

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn na yɛsesa yɛn akwan a, ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.

 Yeremia 31:34: “Mede wɔn mfomso bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔrenkɔfa ɛho asɛm mma bio. Ɔde kyɛ a, na ɔde akyɛ.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Exodus 6:3.

b Bɔne a yenya fii yɛn nana Adam hɔ no, ɛno na ɛtwe yɛn kɔ bɔne mu. Ɔne ne yere Hawa yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn. Ɛno nti ne nkwa ho baa asɛm, na nkwa a anka n’asefo benya nso bɔɔ wɔn.—Genesis 3:17-19; Romafo 5:12.