Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Eti ne Nkyekyɛm Ahorow​—Hena na Ɔde Hyehyɛɛ Bible no Mu?

Eti ne Nkyekyɛm Ahorow​—Hena na Ɔde Hyehyɛɛ Bible no Mu?

FA NO sɛ na woyɛ Kristoni wɔ asomafo no bere so. Ná asafo a wowom no nyaa krataa fii ɔsomafo Paulo hɔ nkyɛe. Bere a wɔrekenkan akyerɛ mo no, wuhui sɛ mpɛn pii no na Paulo fa emu nsɛm no bi fi “nkyerɛwee kronkron,” Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. (2 Timoteo 3:15) Enti woka sɛ ‘mepɛ sɛ mihu Hebri Kyerɛwnsɛm no fã a Paulo faa ne nsɛm no fii.’ Nanso, na wei renyɛ mmerɛw. Dɛn ntia?

ENNI TI NE NKYEKYƐM AHOROW

Sɛ wohwɛ “nkyerɛwee kronkron” a na ɛwɔ hɔ wɔ Paulo bere so no a, na ɛte sɛn? Baako mfonini na ɛwɔ kratafa yi no. Ɛyɛ Yesaia nhoma no fã bi a ɛka Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no ho. Wuhu no sɛn? Eti ne nkyekyɛm biara nni mu! Ɛnte sɛ Bible a yɛkenkan nnɛ a ɛwɔ ti ne nkyekyɛm ahorow no.

Bible akyerɛwfo no ankyekyɛ wɔn nsɛm no mu anyɛ no ti ne nkyekyɛm ahorow. Wɔkyerɛw nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔkenkan no nso bɛkenkan nsɛm no nyinaa. Ɛnyɛ saa na wopɛ sɛ woyɛ bere a wunya krataa bi fi wo dɔfo hɔ no? Wokenkan krataa no nyinaa na ɛnyɛ emu nsɛm no bi kɛkɛ.

Nanso, ti ne nkyekyɛm ahorow a na enni mu no de ɔhaw bi bae. Nea na Paul betumi de akyerɛ sɛ ɔfaa ne nsɛm no bi fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ara ne sɛ ɔbɛka sɛ “wɔakyerɛw sɛ,” anaa “sɛnea Yesaia ka too hɔ no.” (Romafo 3:10; 9:29) Sɛ na wunnim “nkyerɛwee kronkron” no yiye a, na ɛbɛyɛ den sɛ wubehu baabi a ɔfaa ne nsɛm no fii.

Afei nso, na saa “nkyerɛwee kronkron” no nyɛ asɛm baako pɛ a efi Onyankopɔn hɔ. Ɛrekɔ afeha a edi kan Y.B. awiei no, na Bible no abɛyɛ nhoma mmaako mmaako 66! Enti, nnipa a wɔkenkan Bible no mu dodow no ara ani gye ho sɛ ɛwɔ ti ne nkyekyɛm ahorow. Wei boa ma wotumi hu nsɛm pɔtee bi, te sɛ nsɛm pii a Paulo fa fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu kae wɔ ne nkrataa a ɔkyerɛwee no mu.

‘Ɛnde’ ebia wubebisa sɛ, ‘hena na ɔde ti ne nkyekyɛm ahorow no hyehyɛɛ Bible no mu?’

HENA NA ƆDE TI AHOROW NO HYEHYƐƐ MU?

Wɔkyerɛ sɛ England sɔfo bi a wɔfrɛ no Stephen Langton a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Canterbury Sɔfopanyin no na ɔde ti ahorow hyehyɛɛ Bible no mu. Afeha a ɛto so 13 Y.B. mfiase na ɔyɛɛ saa. Saa bere no, na ɔkyerɛ ade wɔ Paris Sukuupɔn mu wɔ France.

Ná nhomanimfo abɔ mmɔden afa akwan horow so sɛ wɔbɛkyekyɛ Bible no mu ayɛ no ti ahorow ansa na wɔrewo Langton. Ɛbɛyɛ sɛ wɔyɛɛ saa na sɛ wɔhwehwɛ Bible mu asɛm bi a, anyɛ den. Hwɛ sɛnea na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu asɛm bi wɔ ti baako pɛ mu sen sɛ anka wɔbɛhwehwɛ asɛnkoro no ara wɔ nhoma baako te sɛ Yesaia nhoma a ɛwɔ ti ahorow 66 no mu.

Nanso, wei nyinaa de ɔhaw bi bae. Nhomanimfo no mu biara faa ɔkwan a ɔpɛ sɛ so na ɔkyekyɛɛ Bible no mu yɛɛ no ti ahorow. Sɛ nhwɛso no, wɔn mu baako kyekyɛɛ Marko Asɛmpa no mu yɛɛ no ti ahorow bɛyɛ 50, na ɛnyɛ 16 a ɛwɔ hɔ nnɛ no. Sukuufo a wofi aman pii mu besuaa ade wɔ Paris wɔ Langton bere so no, wɔde Bible fi wɔn man mu bae. Nanso, sɛ akyerɛkyerɛfo no twe adwene si Bible mu asɛm bi so a, na sukuufo no nhu faako a ɛwɔ wɔ wɔn de no mu. Dɛn ntia? Efisɛ na ti ahorow a ɛwɔ akyerɛkyerɛfo no Bible mu no ne sukuufo no de no nhyia.

Enti Langton san kyekyɛɛ mu foforo. The Book—A History of the Bible nhoma no ka sɛ: “Nhoma akyerɛwfo ne wɔn a na wɔpɛ Bible akenkan ani gyee” nea ɔyɛe no ho. Enti ankyɛ koraa na “nnipa pii a wɔwɔ Europa ani gyee ho.” Eti ahorow a ɛwɔ Bible dodow no ara mu nnɛ no, Langton na ɔhyehyɛe.

HENA NA ƆDE NKYEKYƐM AHOROW HYEHYƐƐ MU?

Bɛyɛ mfe 300 akyi wɔ afeha a ɛto so 16 mfinimfini mu hɔ no, Robert Estienne, Franseni nhomanimfo ne nhomatintimfo ma ɛyɛɛ mmerɛw mpo. Na ne botae ne sɛ ɔbɛma nnipa pii asua Bible no. Ohui sɛ, sɛ Bible no wɔ ti ne nkyekyɛm ahorow a nsonsonoe biara nni mu a, ɛbɛboa paa.

Ɛnyɛ Estienne na odii kan nyaa adwene sɛ ɔbɛkyekyɛ Bible no mu ayɛ no nkyekyɛm ahorow. Ná ebinom adi kan ayɛ saa dedaw. Ɛho nhwɛso ni. Na Yudafo akyerɛwfo akyekyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm anaa nea wɔtaa frɛ no Apam Dedaw no mu ayɛ no nkyekyɛm ahorow wɔ mfe pii a atwam no mu; na ti biara nka ho. Bio nso, sɛnea wɔfaa akwan horow so kyekyɛɛ ti ahorow no mu sɛnea wɔpɛ no, saa ara na wɔyɛɛ nkyekyɛm ahorow no nso.

Estienne san kyekyɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm anaa nea wɔfrɛ no Apam Foforo no mu yɛɛ no nkyekyɛm ahorow bio. Afei ɔde kaa nea na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu dedaw no ho. Wɔ afe 1553 mu no, otintimii Bible a edi kan a na ti ne nkyekyɛm ahorow wom. Ná ɛwɔ Franse kasa mu. Eti ne nkyekyɛm ahorow a na ɛwom no te sɛ nea ɛwɔ ɛnnɛ Bible dodow no ara mu no. Ebinom kasa tiae na wɔkae sɛ ɛmma Bible mu nsɛm no ntoatoam. Nanso afoforo a wotintim Bible no gyee ne de no toom ntɛm ara.

ƐBOA WƆN A WOSUA BIBLE

Mfaso wɔ Bible a wɔakyekyɛ mu ayɛ no ti ne nkyekyɛm ahorow no so. Ɛma wuhu Bible mu asɛm “pɔtee bi.” Ɛyɛ nokware, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyekyɛɛ Bible no mu yɛɛ no ti ne nkyekyɛm ahorow. Na ɛtɔ mmere bi mpo a, ɛmma emu nsɛm no ntoatoam. Nanso, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛtwe adwene asi emu asɛm bi so anaa yɛbɛka ne nkyekyɛm bi a yɛn ani gye ho paa ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɛte sɛ nea sɛ yɛkenkan asɛm bi a yɛn ani gye ho fi nhoma bi mu a, yɛhyɛ no nsow no.

Ɛwom, ti ne nkyekyɛm ahorow no mma ɛnyɛ den sɛ yɛbɛkenkan Bible no de, nanso kae sɛ nea ɛho hia paa ne sɛ, wobɛte asɛm a Onyankopɔn ama wɔakyerɛw no ase. Fa yɛ wo su sɛ wubehu adwene a ɛwɔ emu nsɛm no mu sen sɛ wobɛkenkan nkyekyɛm ahorow no kɛkɛ. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woahu “nkyerɛwee kronkron no na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye mu.”—2 Timoteo 3:15.