Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsom atitiriw dodow no ara mu nnipa gye di sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da

ASƐM A ƐDA SO | DƐN NA BIBLE KA FA OWU NE NKWA HO?

Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene

Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene

OWU ne nkwa ho adwene a nnipa wɔ no dɔɔso, na ɛsono nea obiara ka. Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wowu a wɔbɛkɔ so atena ase. Wosusuw sɛ ebia wɔbɛdan biribi foforo anaa wɔbɛkɔ akɔtena baabi foforo. Afoforo nso adwene yɛ wɔn sɛ wɔbɛsan awo wɔn ama wɔabɛtena ase bio. Afoforo nso deɛ, wɔn adwene ne sɛ onipa wu a, na asa.

Baabi a yɛtetee wo anaa abusua a wufi mu nti, ebia wowɔ nea wugye di wɔ asɛm yi ho. Baabi a yewu a yɛkɔ no, nnipa dodow no ara wɔ adwene pii wɔ ho. Enti saa asɛm a ɛkyere adwene yi, obi wɔ hɔ a obetumi ama yɛanya ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom na ɛyɛ nokware? Anaa yebenya wɔ baabi?

Mfehaha pii ni na nyamesom akannifo akyerɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da. Ɔsom atitiriw dodow no ara mu nnipa gye di sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da; Kristofo, Hindufo, Yudafo, Nkramofo, ne ɔsom afoforo. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ onipa wu a, ɔkra no deɛ enwu, na mmom efi nipadua no mu kɔtena ahonhom atenae. Nanso Buddhafo deɛ, wogye di sɛ sɛ obi wu na wɔsan wo no mpɛn pii a, tumi a ɛwɔ ne mu anaa n’adwene mu no bɛkɔ anigye tebea bi mu. Ɛno na wɔfrɛ no Nirvana.

Saa nkyerɛkyerɛ ahorow yi nti, nnipa a wɔwɔ wiase dodow no ara abegye adi sɛ ehia sɛ obi wu na ama watumi akɔ wiase foforo bi mu. Saa gyidi no ama nnipa pii anya adwene sɛ gyama Onyankopɔn bɔɔ owu kaa nnipa ho, enti wɔn adwene yɛ wɔn sɛ gye sɛ obi wu ansa na wanya asetena foforo. Nanso dɛn na Bible ka fa saa asɛm yi ho? Yɛsrɛ wo, kenkan asɛm a edi hɔ no. Ebia mmuae a wubenya no bɛyɛ wo nwonwa.