Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?

So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?

Nnipa bɛboro ɔpepepem abien na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Asɔre a wɔn mu pii kɔ no kyerɛkyerɛ Baasakoro—nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Agya no, Ɔba no, ne honhom kronkron no nyinaa ka bom yɛ Onyankopɔn biako. Ɛyɛɛ dɛn na Baasakoro bɛyɛɛ asɔre nkyerɛkyerɛ titiriw? Nea ehia paa no, so nkyerɛkyerɛ yi ne Bible hyia?

WƆKYERƐW Bible no wiei wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛnam so maa Baasakoro nkyerɛkyerɛ bae no fii ase ankasa wɔ afe 325 Y.B.—bɛyɛ sɛ mfeha abien akyi—wɔ Nicaea bagua no ase wɔ Asia Kumaa, baabi a seesei wɔfrɛ hɔ Iznik, wɔ Turkey no. Sɛnea New Catholic Encyclopedia nhoma no kyerɛ no, Nicaea Bagua no na edii kan de gyidikasɛm a ‘Kristofo nkyerɛkyerɛ’ gyina so no sii hɔ, na ɛsan kyerɛkyerɛɛ onii ko a Onyankopɔn ne Kristo yɛ no mu. Nanso, dɛn nti na na ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ onii ko a Onyankopɔn ne Kristo yɛ no mu, bere a na wɔakyerɛw Bible no awie mfehaha pii akyi no? So sɛnea Bible no akyerɛkyerɛ asɛmti a ehia yi mu no mu nna hɔ?

SO YESU YƐ ONYANKOPƆN?

Bere a Constantine bedii Roma Ahemman no nyinaa so no, na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no adwene nhyia wɔ abusuabɔ a ɛda Onyankopɔn ne Kristo ntam no ho. So na Yesu yɛ Onyankopɔn? Anaa Onyankopɔn na ɔbɔɔ no? Nea ɛbɛyɛ na asɛm no to atwa no, Constantine frɛɛ asɔre akannifo ma wokohyiae wɔ Nicaea, a na ɛnyɛ adwene no ne sɛ obehu ɔsom mu nokwasɛm, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsom remfa mpaapaemu mma n’ahemman no mu.

“Yɛn de, Onyankopɔn biako na yɛwɔ, Agya no.”1 Korintofo 8:6, King James Version

Constantine ka kyerɛɛ asɔfo mpanyimfo, a ebia na wɔn dodow kɔ anim yiye no sɛ wonnya adwenkoro, nanso wɔantie n’adesrɛ no. Enti ɔmaa bagua no nyansahyɛ sɛ wonnye ntom sɛ Yesu ne “Agya no kura nyamesu biako” (homoousios). Helafo nyansapɛfo asɛmfua yi a enni Bible mu no na ɛbɛyɛɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nnyinaso, na akyiri yi asɔre no de hyɛɛ ne gyidikasɛm mu. Nokwarem no, ebeduu afeha a ɛto so anan no awiei no, na Baasakoro no agye ntini sɛnea ɛte nnɛ a nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ nyamesu no fã a ɛto so abiɛsa, honhom kronkron no, ka ho.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA WO?

Yesu kae sɛ “nokware asomfo bɛsom Agya no . . . nokware mu.” (Yohane 4:23) Wɔakyerɛw saa nokware no wɔ Bible no mu. (Yohane 17:17) So Bible  kyerɛkyerɛ sɛ Agya no, Ɔba no, ne honhom kronkron no nyinaa ka bom yɛ Onyankopɔn biako?

Ade biako ne sɛ, asɛmfua “Baasakoro” nni Bible no mu. Bio nso, Yesu anka da sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Mmom, ná Yesu som Onyankopɔn. (Luka 22:41-44) Adanse a ɛto so abiɛsa no fa Yesu ne n’akyidifo no abusuabɔ ho. Bere a wonyanee Yesu fii awufo mu na ɔkɔɔ soro mpo akyi no, ɔfrɛɛ n’akyidifo no sɛ “me nuanom.” (Mateo 28:10) So na wɔyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nuanom? Ɛnte saa koraa! Nanso ɛdenam gyidi a na wɔwɔ wɔ Kristo—Onyankopɔn Ba a ɔsen biara—mu so no, wɔn nso bɛyɛ Agya koro no mma. (Galatifo 3:26) Fa nsɛm a edidi so a efi Nicaea Bagua no mu no toto kyerɛw nsɛm afoforo yi ho hwɛ.

Nea Nicaea Gyidikasɛm no ka:

“Yegye . . . Awurade biako, Yesu Kristo di . . . sɛ ɔne Agya no, Nyame mu Nyame, Hann mu Hann no, kura nyamesu biako.”

Nea Bible no ka:

  • “Agya no yɛ kɛse sen me [Yesu].”Yohane 14:28. *

  • “[Me Yesu] merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.”Yohane 20:17.

  • “Yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no.”1 Korintofo 8:6.

  • “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn.”1 Petro 1:3.

  • “Eyinom na Amen no [Yesu] ka, . . . Onyankopɔn adebɔ mfiase no.”Adiyisɛm 3:14. *

^ nky. 13 Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no. Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ ɔfã yi mu no nyinaa fi King James Version no mu.

^ nky. 17 Adesua abien yi wɔ nhoma a wɔde sua Bible, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no mu: “Dɛn Ne Onyankopɔn Ho Nokwasɛm?” ne “Hena Ne Yesu Kristo?” Wubetumi agye bi afi Yehowa Adansefo hɔ anaa wubetumi akenkan wɔ Intanɛt so wɔ www.mt1130.com.