Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

  SO WƆBƆE?

Sɛnea DNA Tumi Kora Abɔde Ho Nsɛm So

Sɛnea DNA Tumi Kora Abɔde Ho Nsɛm So

WƆN a wɔde kɔmputa di dwuma no tumi nya nsɛm pii a ɛho hia sɛ wɔde sie, na sɛ wohia a wɔasan akɔfa. Nyansahufo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔkwan foforo bi so de nneɛma pii asie de asuasua sɛnea adebɔ mu adekorabea kɛse bi a ɛkyɛn so—DNA—tumi de abɔde ho nsɛm pii sie no.

Susuw ho: DNA a ɛwɔ nkwammoaa biara mu no tumi kora abɔde ho nsɛm ɔpepepem pii so. Nick Goldman, a ɔwɔ Europa Asuae a Wɔyɛ Abɔde Ho Nsɛm Mu Nhwehwɛmu ka sɛ, “Yebetumi atwe bi afi tete bere mu asono a na wɔn ho wɔ nhwi pii no nnompe mu . . . na yɛakyerɛkyerɛ mu. Ɛyɛ ketewa paa, nanso etumi kora nsɛm pii so, na wunhia anyinam ahoɔden biara na woatumi de asie. Enti sɛ wopɛ sɛ wode tu kwan anaa wode sie a, ɛnyɛ den koraa.” So DNA betumi de nsɛm a nnipa ahyehyɛ asie? Nhwehwɛmufo bua sɛ, ɛyɛ yiw.

Nyansahufo ayɛ DNA, na wama no ahyɛnsode ahorow a egyina hɔ ma nsɛm, mfonini, ne nnyigyei ahorow. Wɔayɛ no sɛnea wotumi de nɔma ahorow gyina hɔ ma nsɛm na wɔde sie no. Akyiri yi, nhwehwɛmufo no tumi twee nsɛm a wɔde asie wom no pɛpɛɛpɛ a ebi anyera. Nyansahufo gye di sɛ bere rekɔ so no, wɔnam saa kwan yi so betumi de nsɛm a ɛwɔ CD 3,000,000 so asie DNA a onipa ayɛ a emu duru yɛ gram 1 mu mfe ɔhaha anaa mfe mpempem pii. Daakye wobetumi afa saa kwan yi so akora wiase yi mu nsɛm nyinaa so. Esiane eyi nti, wɔato DNA din sɛ “adekorabea a ɛso bi nni.”

Wususuw ho dɛn? So sɛnea DNA tumi kora abɔde ho nsɛm so no nam adannandi so na ɛbae? Anaa wɔbɔe?