NSASE NE NNIPA
Costa Rica Nsrahwɛ
BƐYƐ mfie 500 a atwam nie na Spainfoɔ dii kan kɔɔ hɔ. Ná wɔsusu sɛ wɔbɛnya sika kɔkɔɔ pii wɔ hɔ, nti wɔtoo hɔ din Costa Rica (anaa “Sika Mpoano”). Sika a na wɔsusu sɛ wɔbɛnya no, wɔanya. Ɛnnɛ, yɛnim ɔman yi sɛ baabi a mmoa ne afifide ahodoɔ pii wɔ, ɛnyɛ baabi a sika kɔkɔɔ wɔ.
Abodin a wɔde frɛ Costa Ricafoɔ ne Ticofoɔ, efisɛ wɔtaa de “-ico” sɔ nsɛmfua bi so. Ɛho nhwɛsoɔ nie: Sɛ wɔpɛ sɛ wɔka sɛ “un momento” (seesei ara) a, wɔbɛka sɛ “un momentico” (kyerɛ sɛ seesei yi ara). Sɛ obi yɛ biribi na wɔgye tom anaa wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ ho anisɔ a, wɔka sɛ “¡pura vida!” (ɛyɛ ma wo!). Wɔka saa nso de kyerɛ “nante yie.”
Aduane bi a Costa Ricafoɔ pɛ paa ne gallo pinto. Aduane yi din ase ne “akokɔ kyɛk-kyɛk” anaa “akokɔ a ne ho asisi.” Aduane yi yɛ ɛmo ne adua a wɔde
atomdeɛ afra. Costa Ricafoɔ tumi di Gallo pinto anɔpa, awia, anaa anwummerɛ. Wɔwɔ kɔfe bi nso a wɔpɛ paa. Wɔfrɛ no café chorreado. Ɛyɛ kɔfe a wɔhyɛ da noa sɔne so wɔ fie.Yehowa Adansefoɔ asafo bɛyɛ 450 na ɛwɔ Costa Rica. Wɔyɛ wɔn adesua wɔ kasa du mu. Emu bi ne Bribri ne Cabecar ne Costa Rica Mum Kasa.
WONIM? Sɛ wokɔ Costa Rica a, wobɛhu aboɔ akɛseakɛseɛ a wɔasene no nkuruwankuruwa pii. Nea ɛso paa no sini anim bɛyɛ sɛ mita mmienu ne fã. Wɔkyerɛ sɛ aboɔ yi bi adi bɛboro mfie 1,400, na obiara nhyɛ da nnim nea enti a wɔsenee aboɔ no saa!