Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

A prominent feature of Lake Nicaragua is the island of Ometepe, a lush landmass with two massive volcano cones joined by an isthmus

NSASE NE NNIPA

Nicaragua Nsrahwɛ

Nicaragua Nsrahwɛ

NKURƆFO taa ka sɛ wopɛ baabi a tadeɛ ne ogya bepɔ dɔɔso a, kɔ Nicaragua. Ɛhɔ na tadeɛ a ɛso sen biara wɔ Central America wɔ. Wɔfrɛ no Lake Nicaragua. Ɛhɔfo frɛ no Cocibolca, a ɛkyerɛ “Ɛpo Dɛdɛ.” Nsupɔ pii wɔ tadeɛ yi so, na sɛ woyi ɛpo si nkyɛn a, tadeɛ yi nkutoo ne baabi a wobɛhu po mu nam te sɛ oboodede, yaa anofeaa, ne ahenemma-nni.

Nicaraguafo bu sacuanjoche (frangipani) nhwiren yi sɛ ɔman no ahyɛnsode

Mmeae a ate ne ho paa wɔ Central America no baako wɔ Nicaragua. Ɛno ne Mosquito Coast. Ɛyɛ asase teaa bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ kilomita 65, na ne fã bi didi kɔ Honduras man mu. Miskitofo (anaa Mosquitofo) yɛ nkurɔfo a wɔn ase fi Nicaragua ankasa. Nokwasɛm ne sɛ na wɔwɔ hɔ ansa na Europa aborɔfo no reba ɔman no mu bɛyɛ mfe 500 ni.

Miskitofo ne wɔn ho wɔn ho ka paa, na wɔmfa wɔn amammerɛ nni agorɔ. Nhwɛso bi ni: Miskitofo nni abodin te sɛ “Mister” anaa “Miss” a ɛwɔ Borɔfo kasa mu no. Sɛ wokɔ nkuraase a, abofra hu panin biara a, ɔfrɛ no “Papa” anaa “Maame”; sɛ ɔyɛ ne busuani oo, ɔnyɛ ne busuani oo, saa na ɔbɛfrɛ no. Miskitofo amanneɛ baako ne sɛ, sɛ ɔbaa hu n’adamfo anaa ne busuani na ɔrekyia no a, ɔde n’afono tare ne yɔnko no deɛ ho, na watwe mframa akɔ ne mu.

Kurommafoɔ

Nwoma a yɛde sua Bible a Yehowa Adansefo ayɛ wɔ Mayangna ne Miskito kasa mu