Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Sahara Ntɛtea Hyɛnhyɛn

Sahara Ntɛtea Hyɛnhyɛn

NTƐTEA bi wɔ Sahara a ne ho yɛ hyɛnhyɛn. (Cataglyphis bombycina) Sɛ yɛka mmoa a wotumi ɔhyew paa wɔ asase so a, yɛrentumi nnya saa ntɛtea yi. Sɛ edu owigyinae a Sahara awia no ano ayɛ den paa no a, mmoa a wɔwe ntɛtea yi kɔpɛ baabi hyɛ. Sɛ ɛba saa a, na ntɛtea no nso apue abɛhwɛ sɛ obenya n’ano aduan anaa. Opue saa a, otumi nya ntuboa a owia no ano hyew akum wɔn no.

[50] μm (wɔayɛ no kɛse)

Susuw ho: Ntɛtea hyɛnhyɛn yi, nneɛma bi na ɛboa no ma otumi gyina ɔhyew ano. Baako yɛ n’akyi ne ne nkyɛnmu nhwi. Nea ɛto so mmienu no yɛ ne bo ne ne yafunu so; ɛhɔ deɛ nhwi biara nni hɔ. Nhwi no (1, 2) na ɛma ntɛtea no ho yɛ hyɛnhyɛn. Wofa nhwi baako biara a, ɛte sɛ dorobɛn a ɛwɔ afã mmiɛnsa (3). Afã mmienu hyiam wɔ soro, ɛnyɛ toromtorom. Nea ɛka ho mmiɛnsa no na ɛda ase; ɛno deɛ, ɛyɛ toromtorom. Sɛnea nhwi no te no boa ntɛtea no wɔ akwan mmienu so. Nea edi kan, ɛbɔ ne ho ban fi awia hyew a ano yɛ den paa ho. Nea ɛto so mmienu, ɔhyew a akɔ ne mu no, nhwi no boa ma ne ho dwo. Afei nso, ne bo ne n’afuru a nhwi nni hɔ no, ɛbɔ ɔhyew a efi asase mu ba no gu. *

[10] μm (Wɔayɛ no kɛse paa)

Sahara ntɛtea hyɛnhyɛn yi, nneɛma a yɛaka ho asɛm no nyinaa boa no ma ɔhyew a ano den yɛ digrii sɛlsiɔs 53.6 (128.5 digrii Fahrenheit) mpo, otumi gyina ano. Sɛnea ntɛtea ketewa yi tumi gyina ɔhyew a ano yɛ den ano no, nyansahufo gu so denneennen rehwɛ sɛ ebia wɔn nso betumi ayɛ biribi, na sɛ ɔhyew a ano yɛ den ka no a atumi adwudwo ano.

Wususuw ho sɛn? Nneɛma a ɛboa Sahara ntɛtea hyɛnhyɛn yi ma otumi gyina ɔhyew ano no, wobɛka sɛ ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔɔ no saa?

^ nky. 4 Nneɛma foforo bi nso bɔ ntɛtea yi ho ban. Baako ne nnuannuru bi a ɛwɔ ne mu. Ɛboa ma otumi gyina awia no hyew ano. Nea edi hɔ ne ne nnan atenten-atenten no. Ɛwom sɛ fam tumi yɛ hyehyeehye deɛ, nanso ne nan no nti ɛnka no pii. Ɛsan boa no ma otumi tu mmirika ntɛm. Afei nso, biribi wɔ ne mu a ɛma otumi hu ne bɔn ano kwan ntɛm.