Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆKWAN A WƆFA SO NYA ANIGYE

Fa Bɔne Kyɛ

Fa Bɔne Kyɛ

“MEYƐ ABOFRA NO, NA METAA TE NKEKAWMU NE ATƐMDIDI PII.” Saa na ɔbea bi a yɛfrɛ no Patricia kae, na ɔde kaa ho sɛ: “Mansua sɛ mede bɔne bɛkyɛ. Minyinii mpo no, sɛ obi fom me a, mitumi de hyɛ me mu nna pii, na ɛyɛ a mintumi nna mpo.” Ɛyɛ nokware, sɛ obi taa fa abufuw anaa ɔde nkurɔfo ho yawdi hyɛ ne mu a, ɛmma n’ani nnye, na otumi yare nso. Nhwehwɛmu mpo kyerɛ sɛ, wɔn a wɔmfa bɔne nkyɛ no, ɛyɛ a . . .

  • Wɔma abufuw anaa nkurɔfo ho yawdi sɛe wɔne afoforo ntam, ɛma wɔtew wɔn ho fi nnipa mu, na wɔyɛ ankonam

  • Wɔfa abufuw ntɛmntɛm, wodwinnwen, na wotumi nya adwenemhaw mpo

  • Wɔde mfomso hyɛ wɔn mu araa ma wɔn ani nnye wɔ abrabɔ mu

  • Wɔte nka sɛ wontumi mfa wɔn som mu gyinapɛn nyɛ adwuma

  • Adwinnwen hyɛ wɔn so, na ɛnyɛ den sɛ wobenya yare bi te sɛ mogya mmoroso, komayare, ɔkwaha, ne tipae *

DƐN NE BƆNE FAKYƐ? Bɔne fakyɛ kyerɛ sɛ, wode obi bɔne bɛkyɛ no na woayi abufuw anaa yawdi biara afi wo mu. Afei worenyɛ bi ntua onipa no ka. Ɛnkyerɛ sɛ wobɛsosɔ bɔne no so, wubebu no adewa, anaa wubebu w’ani agu so. Mmom no, bɔne fakyɛ yɛ biribi a obi dwen ho na ɔno ankasa si ho gyinae de kyerɛ sɛ, ɔdɔ a ɔwɔ ma afoforo nti ɔpɛ sɛ asomdwoe tena wɔn ntam, na ɔpɛ sɛ wɔn ntam kɔ so yɛ kama.

Afei nso, sɛ obi de bɔne kyɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ntease. Sɛ obi de bɔne kyɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔte ase sɛ yɛn nyinaa di mfomso wɔ kasa ne nneyɛe mu. (Romafo 3:23) Bere a Bible reka wei ho asɛm no, ɛkaa sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”—Kolosefo 3:13.

Enti yebetumi aka sɛ, sɛ obi de bɔne kyɛ a, ɛyɛ ade baako pa ara a ɔyɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ. Ɔdɔ nso yɛ “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:14) Nokwasɛm ne sɛ, Mayo Clinic wɛbsaet ka sɛ, sɛ yɛde bɔne kyɛ a . . .

  • Ɛma yɛne afoforo ntam yɛ papa, na yenya tema, ntease, ne ayamhyehye ma nea wafom yɛn no

  • Ɛma yɛn adwenem da hɔ, na yɛne Onyankopɔn ntam yɛ kama

  • Ɛma dadwen, adwinnwen, ne nitan so tew

  • Yɛntaa nnya adwenemhaw

FA BƆNE KYƐ WO HO. Nhoma bi ka sɛ, “ebetumi ayɛ den pa ara” sɛ obi de bɔne a ɔno ankasa ayɛ bɛkyɛ ne ho, nanso “ɛho hia pa ara na ama obi anya apɔwmuden pa.” Ɛremma onnya yare wɔ n’adwenem anaa ne nipadua mu. (Disability & Rehabilitation) Dɛn na ɛbɛboa wo ma wode w’ankasa mfomso akyɛ wo ho?

  • Nhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, mmom no, gye tom sɛ wo nso woyɛ nipa, na yɛn nyinaa di mfomso.—Ɔsɛnkafo 7:20

  • Sua biribi fi wo mfomso mu. Woyɛ saa a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛyɛ mfomso koro no ara bio

  • Nya abotare ma wo ho; suban ne nneyɛe bɔne bi wɔ hɔ a, wuntumi mfa da koro nnyae.—Efesofo 4:23, 24

  • Sɛ worefa obi adamfo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔbɛhyɛ wo nkuran, ɔbɛka nsɛm pa akyerɛ wo, na ne yam ye, nanso sɛ woyɛ biribi a enye nso a ɔbɛka akyerɛ wo.—Mmebusɛm 13:20

  • Sɛ woyɛ ade ma ɛhaw obi a, gye tom na pa kyɛw ntɛm ara. Sɛ wone nipa no siesie mo ntam a, wubenya akomatɔyam.—Mateo 5:23, 24

BIBLE AFOTUSƐM SO WƆ MFASO PA ARA!

Patricia a yɛadi kan aka ne ho asɛm no suaa Bible, na afei osuae sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Abufuw sɛee m’abrabɔ, nanso seesei de, me ho atɔ me. Seesei de, menteetee bio, na menteetee nkurɔfo nso. Sɛ wohwɛ afotu a ɛwɔ Bible mu a, wuhu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye.”

Ɔbarima bi a yɛfrɛ no Ron kaa sɛ: “Adwene a afoforo benya ne sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade no, mintumi nyɛ ho hwee. Nanso metumi ayɛ me de ho biribi. Sɛ mepɛ asomdwoe de a, ɛsɛ sɛ miyi nkurɔfo ho abufuw fi me mu. Mifii ase huu abufuw ne asomdwoe sɛ, ɛte sɛ sum ne hann. Ɛnyɛ ade a metumi anya mmienu no abom. Seesei de, mewɔ ahonim pa.”

^ nky. 8 Asɛm Fibea: Mayo Clinic ne Johns Hopkins Medicine wɛbsaet, afei nhoma a yɛato din Social Psychiatry and Psychiatric Epidemiology.