Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano

Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano

Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano

BERE a ɔbaatan bi kɔɔ sotɔɔ a wɔtɔn nhoma wom a adagyew nni hɔ koraa mu no, ɔde ahometew ka kyerɛɛ ɔbea a ɔhwɛ hɔ no sɛ: “Nhoma ahyɛ sotɔɔ yi mu ma, nanso minnya nea ɛbɛboa me ba!” Ná ɔbaatan no repɛ akwankyerɛ a ɛbɛboa ne ba abarimaa ma watumi agyina wɔn dɔfo bi a owuu mpofirim no wu ano.

Na ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbaatan yi ahaw. Sɛ abofra hu sɛ ne dɔfo bi awu a, ɛhaw no paa! Sɛ mmofra awofo baanu nyinaa tete wɔn a, ɛboa wɔn yiye, nanso owu betumi afa wɔn mu baako a ɔbɛn no paa akɔ. Sɛ́ ɔwofo no, sɛ wo dɔfo bi rebewu anaa owu a, wobɛyɛ dɛn aboa wo ba ma wagyina tebea no ano?

Ɛwom, sɛ wo dɔfo bi wu a, ebia na worebɔ mmɔden sɛ wubegyina w’awerɛhodi no ano; ebetumi aba sɛ, ɛho dadwen ahyɛ wo so. Nanso ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi sɛ wo ba no hia wo mmoa. Nhoma bi a ayaresabea bi a ɛhwɛ wɔn a wɔregye nna awu a ɛwɔ Minnesota, U.S.A. kyekyɛe no ka sɛ: “Nkɔmmɔ a nkurɔfo bɔ no taa twa mmofra asom, enti mpɛn pii no sɛ obi ammoa wɔn a, wɔrente nneɛma ase yiye.” Nhoma no toa so sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔka nokware kyerɛ mmofra.” Enti ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛhwɛ mfe a abofra no adi so akyerɛkyerɛ nsɛm mu ma wate ase. Esiane sɛ ɛsono abofra biara ne sɛnea ɔte nsɛm ase nti, ebia eyi bɛyɛ den.—1 Korintofo 13:11.

Sɛnea Wobɛkyerɛkyerɛ Owu mu Akyerɛ Wo Ba

Nhwehwɛmufo binom kyerɛ sɛ, sɛ awofo reka owu ho asɛm akyerɛ mmofra a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye bere a wɔde nsɛmfua bi te sɛ “wada,” “wayera,” anaa “watu kwan” di dwuma no. Sɛ ɔka nsɛm a ɛte sɛɛ na wankyerɛkyerɛ mu a, ebetumi ama abofra no adwene atu afra. Ɛwom, Yesu de owu totoo nna ho ma ɛfatae. Nanso kae sɛ na ɛnyɛ mmofra na na ɔrekasa akyerɛ wɔn. Bio nso, ɔkyerɛkyerɛɛ mfatoho no mu. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada.” Ɛwom sɛ na n’asuafo no yɛ mpanyimfo de, nanso “wosusuwii sɛ [na Yesu reka] nna ho asɛm.” Enti Yesu kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ wɔn pefee sɛ: “Lasaro awu.” (Yohane 11:11-14) Sɛ mpanyimfo mpo hia nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ saa a, mpɛn ahe ara na mmofra renhia!

Mary Ann Emswiler ne James P. Emswiler, a wɔyɛ nhoma akyerɛwfo no ka sɛ: “Sɛ ɔwofo rekyerɛkyerɛ owu mu akyerɛ abofra a, ɛho nhia sɛ ɔka nsɛm a ɛbɛbɔ abofra no hu. Sɛ ɔyɛ saa a, anhwɛ a ɔde nsɛm bi a abofra no nnim bɛhyɛ n’adwenem na ebia ahunahuna no anaa apira no.” Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔka kɛkɛ sɛ owufo no ada a, ɛbɛma abofra no ate nka sɛ sɛ ɔkɔda a, ɔno nso rensɔre bio. Sɛ ɔwofo no ka sɛ nea wawu no ‘atu kwan’ kɛkɛ a, abofra no bɛte nka sɛ wapo no.

Awofo pii abehu sɛ, sɛ wɔde nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ owu mu kyerɛ wɔn mma a, wɔte ase ntɛm sen sɛ wɔbɛka kasakoa akyerɛ wɔn. (1 Korintofo 14:9) Nhwehwɛmufo hyɛ nyansa sɛ, wubetumi ahyɛ wo mma nkuran ma wɔabisa nsɛm na wɔaka nea ɛhaw wɔn. Ebia nkɔmmɔ a mobɛtaa abɔ no bɛboa wo ma woakyerɛkyerɛ nsɛm a wɔnte ase mu akyerɛ wɔn, na woahu nneɛma afoforo a wubetumi ayɛ de aboa wɔn.

Baabi a Wubenya Akwankyerɛ Pa

Sɛ mo dɔfo bi wu a, wo nkyɛn na wo ba bɛhwehwɛ akwankyerɛ, mmoa, ne ne nsɛmmisa ho mmuae. Ɛnde ɛhe na wubetumi anya owu ho nsɛm a ɛyɛ nokware? Nnipa pii ahu sɛ Bible no ma wonya awerɛkyekye ne anidaso. Ɛma yehu nea ɛyɛe a owu bae, tebea a awufo wom, ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma wɔn no pefee. Ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛne sɛ ‘awufo nnim biribiara’ no boa wo ba no ma ohu sɛ ne dɔfo a wawu no nni amanehunu biara mu. (Ɔsɛnkafo 9:5) Bio nso, wɔ Bible mu no, Onyankopɔn ma yenya anidaso sɛ yɛbɛsan ahu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio wɔ paradise asase so.—Yohane 5:28, 29.

Wɔ tebea a ɛhaw adwene biara mu no, sɛ wokɔ Kyerɛw Kronkron no mu a, wubetumi aboa wo ba ma wahu sɛ obetumi anya akwankyerɛ pa ne awerɛkyekye afi Bible no mu. Bere koro no ara mu no, wo ba no behu sɛ, wo a woyɛ ɔwofo no de wo ho to Onyankopɔn Asɛm so ma ɛma wo akwankyerɛ wɔ asetra mu nsɛm a ɛho hia mu.—Mmebusɛm 22:6; 2 Timoteo 3:15.

Wo Nsɛmmisa Ho Mmuae

Sɛ woreboa wo ba ma wagyina ɔdɔfo bi wu ano a, ebia wubehyia tebea horow a worenhu nea wonyɛ. Ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ? * Ma yensusuw nsɛm a nkurɔfo taa bisa a ebia ɛbɛba w’adwenem no ho nhwɛ.

So ɛnsɛ sɛ mema me ba hu sɛ meredi awerɛhow? Eye sɛ wobɛpɛ sɛ wobɔ wo ba ho ban. Nanso, so ɛyɛ mfomso sɛ wobɛma wo ba ahu sɛ woredi awerɛhow? Awofo pii ahu sɛ eye paa sɛ wɔbɛma wɔn mma ahu sɛ wɔredi awerɛhow, na ama mmofra no ahu sɛ ɛnyɛ bɔne sɛ wobedi awerɛhow. Ebinom ne wɔn mma asusuw nhwɛso a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo sui wɔ nnipa mu no ho. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu adamfo paa Lasaro wui no, osui. Yesu amfa sɛnea ɔte nka no ansie.—Yohane 11:35.

So ɛsɛ sɛ me ba a onnyinii pii no kɔ baabi a wɔadeda amu, amusiei, anaa ayi ase? Sɛ abofra no bɛkɔ baabi a ɛte saa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wudi kan kyerɛkyerɛ no nea obehu ne nea enti a wɔreyɛ ayi no mu kyerɛ no. Nokwarem no, wɔ tebea horow bi mu no, ebia awofo bɛma wɔn mma akɔ ayi no fã bi anaa wɔremma wɔnkɔ ayi no ase koraa. Sɛ Yehowa Adansefo reyɛ ayi na sɛ mmofra kɔ ase a, ɛboa wɔn ma wonya Bible mu ɔkasa a wɔma no so mfaso. Bio nso, ‘ayamhyehye’ ne ɔdɔ a wɔn a wɔahyiam no da no adi no betumi ama mmofra no anya awerɛkyekye.—Romafo 12:10, 15; Yohane 13:34, 35.

So ɛsɛ sɛ meka ɔdɔfo a wawu no ho asɛm kyerɛ me ba? Nhwehwɛmufo binom kyerɛ sɛ, sɛ woanka owu no ho asɛm koraa a, ebia wo ba no bedi mfomso asusuw sɛ wode nea wawu no ho asɛm bi resie no anaa wompɛ sɛ abofra no bɛkae no koraa. Julia Rathkey a ɔyɛ nhoma kyerɛwfo no ka sɛ: “Ɛho hia paa sɛ wobɛboa mmofra ma wɔakae nea wawu no a wonsuro.” Sɛ woansuro sɛ wobɛka nea wawu no ho asɛm na sɛ woka ne suban pa ho asɛm kyerɛ wɔn a, ɛbɛboa wɔn wɔ awerɛhow a wɔredi no mu. Adansefo de owusɔre a ɛbɛba wɔ paradise asase so a Bible ka ho asɛm sɛ yare ne owu nni hɔ bio no kyekye wɔn mma werɛ.—Adiyisɛm 21:4.

Mɛyɛ dɛn aboa me ba bere a ɔredi awerɛhow no? Bere a ɔdɔfo bi awu no, ebetumi anya wo ba no so nkɛntɛnso, na mpo abɔ no yare. Esiane sɛ ebia abofra no te nka sɛ ɔka ho bi na owu no bae nti, ne bo betumi afuw ne ho. Sɛ ɛba sɛ wo ba te nka saa, ontumi ntew ne ho mfi wo ho, anaa sɛ wupue na woamma fie ntɛm na ne yam hyehye no, anaa sɛ ɔbɔ hu bere a woyare a, ɛnsɛ sɛ woma no yɛ wo nwonwa. Dɛn na wubetumi ayɛ bere a wo ba werɛ ahow no? Ɛnsɛ sɛ woma wo ba no te nka sɛ wunhu nea ɛhaw no. Enti, ma w’ani nkũ ne ho bere tenten a ɔredi awerɛhow no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte wo ba no ase, na mmu sɛnea owu no aka no no adewa. Ma no nhu bere nyinaa sɛ woka ne ho na anyɛ den sɛ ɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ na wabisa wo nsɛm. Wonam “Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so” betumi ahyɛ anidaso a wo ba no wɔ ne w’ankasa wo de mu den.—Romafo 15:4.

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ mesan fi ase yɛ nnwuma a meyɛ no daa wɔ abusua no mu ne nneɛma afoforo? Animdefo ka sɛ, fi ase yɛ nneɛma pii sɛnea wubetumi. Wɔkyerɛ sɛ nnwuma a mfaso wɔ so a wobɛyɛ no yɛ ɔkwan biako a wubetumi afa so adi w’awerɛhow so. Awofo pii a wɔyɛ Yehowa Adansefo ahu sɛ wɔn som mu nnwuma te sɛ Bible a wɔne wɔn abusua besua, ne Kristofo nhyiam a wɔbɛkɔ no daa no betumi ahyɛ abusua no den na wɔagyina tebea no ano.—Deuteronomium 6:4-9; Hebrifo 10:24, 25.

Enkosi sɛ Yehowa Nyankopɔn beyi yare ne owu afi hɔ no, bere ne bere mu no, mmofra bɛkɔ so adi owu ho awerɛhow. (Yesaia 25:8) Nanso sɛ yɛma mmofra te nka sɛ yɛka wɔn ho na yɛbɛboa wɔn a, ɛbɛma wɔatumi agyina wɔn dɔfo bi wu ano.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Ɛnyɛ sɛ yɛrehyehyɛ mmara wɔ asɛm yi mu. Ɛsono sɛnea ɔman biara ne abusua biara nsɛm tebea ne wɔn amammerɛ te.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Hyɛ wo mma nkuran ma wommisa nsɛm, na wɔnka nea ɛhaw wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Kɔ so yɛ nneɛma a woyɛ daa, a w’abusua Bible adesua ka ho