Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yesu Ka Faa N’ankasa Ho

Nea Yesu Ka Faa N’ankasa Ho

Nea Yesu Ka Faa N’ankasa Ho

“Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu nim nipa ko a ɔyɛ, baabi a ofi bae, nea enti a ɔbaa asase so, ne nea na ɛbɛto no daakye.”—NHOMAKYERƐWFO HERBERT LOCKYER.

ANSA na yebetumi agye Yesu nkyerɛkyerɛ atom na yɛanya mu gyidi no, ɛsɛ sɛ yehu ne ho nsɛm bi. Ná Yesu yɛ onipa bɛn? Ɛhe na ofi bae? Dɛn nti na ɔbaa asase so? Sɛ yɛkenkan Mateo, Marko, Luka, ne Yohane Nsɛmpa no a, yebetumi anya nsɛmmisa yi ho mmuae te sɛ nea yɛretie afi Yesu ankasa anom.

Ɔtenaa ase ansa na wɔrewo no wɔ asase so Bere bi, Yesu kae sɛ: “Ansa na Abraham reba no, na mewɔ hɔ.” (Yohane 8:58) Abraham tenaa ase bɛyɛ mfe 2,000 ansa na wɔrewo Yesu. Nanso, na Yesu wɔ hɔ ansa na wɔrewo tete agya nokwafo no. Ɛnde, ɛhe na na Yesu wɔ? Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mifi soro [na] aba.”—Yohane 6:38.

Ɔyɛ Onyankopɔn Ba Yehowa wɔ mma pii a wɔyɛ abɔfo. Nanso, Yesu yɛ soronko. Ɔno ankasa kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no.” (Yohane 3:18) Saa asɛm no kyerɛ sɛ Yesu nkutoo na Onyankopɔn bɔɔ no tẽẽ. Onyankopɔn nam ne Ba a ɔwoo no koro no so na ɔbɔɔ nneɛma afoforo nyinaa.—Kolosefo 1:16.

“Onipa Ba no” Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ ɔyɛ “onipa Ba” mpɛn pii. (Mateo 8:20) Ɔnam asɛm yi so ma yehui pefee sɛ ɔnyɛ ɔbɔfo bi a wadan onipa, na saa ara nso na ɔnyɛ onipa bi a wawu ma wɔasan awo no. Mmom, na ɔyɛ onipa ankasa. Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so yii ne Ba no nkwa fii soro bɛhyɛɛ ɔbaabun Maria awotwaa mu. Ne saa nti, wɔwoo Yesu sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a bɔne biara nni ne ho.—Mateo 1:18; Luka 1:35; Yohane 8:46.

Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no Samariani bea bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Minim sɛ Mesia . . . no reba.” Yesu buae sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.” (Yohane 4:25, 26) Asɛmfua “Mesia” ne “Kristo” nyinaa kyerɛ “Nea Wɔasra No.” Onyankopɔn sraa Yesu, anaasɛ ɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma titiriw bi na ama Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow aba mu.

Ade titiriw a enti Yesu baa asase so Bere bi, Yesu kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.’ (Luka 4:43) Ɛwom sɛ ɔyɛɛ nneɛma pa pii maa nkurɔfo a ahia wɔn no de, nanso na Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɔka no ne adwuma titiriw a na ɔyɛ wɔ n’asetena mu. Akyiri yi, yebesusuw nea ɔka faa saa Ahenni no ho.

Ɛda adi pefee sɛ na Yesu nyɛ onipa biara kɛkɛ. * Sɛnea yebehu no, ɔsoro a ɔtenae ansa na ɔreba asase so no ka ho bi na nsɛm a ɔkae no nyaa afoforo so nkɛntɛnso saa. Ɛnde, so ɛyɛ nwonwa sɛ ɔkaa nsɛm a na ebenya nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa asetena so nkɛntɛnso saa?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ Yesu ho nsɛm ne dwuma a odi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 4 no.