Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

6 So Ebetumi Aboa Yɛn?

6 So Ebetumi Aboa Yɛn?

SO MPAEBƆ tumi boa yɛn? Bible kyerɛ ampa sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo mpaebɔ boa wɔn. (Luka 22:40; Yakobo 5:13) Nokwarem no, mpaebɔ betumi aboa yɛn wɔ honhom fam, nkate fam, ne mpo honam fam. Ɔkwan bɛn so?

Wode yɛmfa no sɛ, obi abɛkyɛ wo ba bi ade. So wobɛkyerɛ no sɛ ɔnkyerɛ ho anisɔ wɔ ne komam kɛkɛ? Anaa wobɛka akyerɛ no sɛ ɔnkɔda onii no ase mfa nkyerɛ sɛ n’ani asɔ? Sɛ yɛka sɛnea yɛte nka wɔ biribi ho kyerɛ a, ɛma afoforo hu na mpo ɛhyɛ yɛn den. So saa ara na ɛte bere a yɛrekasa akyerɛ Onyankopɔn no? Yiw ɛte saa! Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.

Aseda mpaebɔ. Yɛde yɛn adwene si nhyira horow a yenya so, bere a yɛda yɛn Agya no ase wɔ nneɛma pa a yenya ho no. Ɛno ma yɛkyerɛ anisɔ kɛse, ɛma yɛn ani gye pii na yenya nneɛma ho adwempa kɛse.—Filipifo 4:6.

Sɛ nhwɛso no: Yesu daa anisɔ adi wɔ sɛnea n’Agya tiee ne mpaebɔ na ɔyɛɛ n’abisade maa no no ho.—Yohane 11:41.

Mpaebɔ a yɛde hwehwɛ bɔne fafiri. Sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn a, ɛma yɛn ahonim yɛ nnam, yɛkyerɛ ahonu kɛse, na ɛma yehu aniberesɛm a bɔne no yɛ no. Ɛma yeyi bɔne ho afobu a ayɛ sɛ adesoa no fi yɛn so.

Sɛ nhwɛso no: Dawid bɔɔ mpae de kyerɛe sɛ wanu ne ho, na odi yaw wɔ nea wayɛ no ho.—Dwom 51.

Mpaebɔ a yɛde hwehwɛ akwankyerɛ ne nyansa. Sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ yɛn ho ban anaa ɔmma yɛn nyansa a yebetumi de asisi gyinae pa a, ebetumi aboa yɛn ma yɛafi komam abrɛ yɛn ho ase. Ɛbɛkae yɛn sɛ yɛtɔ sin na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya yɛn soro Agya no mu ahotoso.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Sɛ nhwɛso no: Solomon fi ahobrɛase mu bisaa akwankyerɛ ne nyansa a ɔde bebu Israel man.—1 Ahene 3:5-12.

Mpae a yɛbɔ bere a yɛahaw. Sɛ yɛka nea ɛwɔ yɛn komam kyerɛ Onyankopɔn bere a yɛahaw a, yebenya akomatɔyam na yɛde yɛn ho ato Yehowa so sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa so.—Dwom 62:8.

Sɛ nhwɛso no: Ɔhene Asa bɔɔ mpae bere a ohyiaa atamfo a wɔn ho yɛ hu no.—2 Beresosɛm 14:11.

Mpae a yɛbɔ ma afoforo. Mpaebɔ a ɛte saa boa yɛn ma yɛko tia pɛsɛmenkominya ma yenya ayamhyehye ne tema.

Sɛ nhwɛso no: Yesu bɔɔ mpae maa n’akyidifo.—Yohane 17:9-17.

Ayeyi mpaebɔ. Sɛ yeyi Yehowa ayɛ wɔ n’anwonwadwuma ne ne su ahorow ho a, ɛbɛma obu ne anisɔ a yɛwɔ ma no no ayɛ kɛse. Mpaebɔ a ɛte saa nso betumi aboa ma yɛabɛn yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no.

Sɛ nhwɛso no: Dawid fi komam kamfoo Onyankopɔn wɔ n’adebɔ ho.—Dwom 8.

Nhyira foforo a ɛne mpaebɔ wɔ abusuabɔ ne “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so” no. (Filipifo 4:7) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya saa asomdwoe no wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu. Asomdwoe yi boa yɛn wɔ honam fam mpo. (Mmebusɛm 14:30) Nanso so ɛnam yɛn mmɔdenbɔ nkutoo so na ɛba? Anaa biribi a ɛho hia paa ka ho bi?

Mpaebɔ ma yenya mfaso pii—honam fam, nkate fam, ne nea ɛsen ne nyinaa no, honhom fam