Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmea Amanehunu

Mmea Amanehunu

“Mehwɛ amanehunu a mmea mpanyimfo fa mu no a, misuro koraa sɛ menyin.”​—ZAHRA, WADI MFE 15, wɔfaa n’asɛm kae wɔ GEO nsɛmma nhoma a wɔde Franse kasa akyerɛw no mu.

ABEAWA a n’asɛm wɔ soro ha no ma yehu biribi a ɛrekɔ so ankasa. Wiase nyinaa, wɔyɛ atirimɔdensɛm ne nyiyim tia mmeawa ne mmea mpanyimfo wɔ wɔn asetenam nyinaa. Ma yɛnhwɛ saa nsɛm yi.

  • Wɔyɛ nyiyim tia mmea. Asia aman pii mu no, nkurɔfo ani gye mmarima awo ho sen mmea awo. Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi a wɔde too gua afe 2011 mu no kyerɛ sɛ, sɛ wokɔ Asia a, wɔahwere mmea bɛyɛ ɔpepem 134 a nea efi ne sɛ wotu wɔn gu wɔ nyinsɛn mu, wokunkum wɔn a wɔawo wɔn foforo, na wɔtow bi nso gu.
  • Sukuukɔ. Yɛhwɛ wiase nyinaa a, nnipa a wɔnkɔ sukuu anaasɛ sukuu a wɔkɔ nnu mfe anan no, wɔn mu baasa biara mu baanu yɛ mmea.
  • Nna ho ateetee. Aman bi wɔ hɔ a ebesi nnɛ no, sɛ obi to ne yere mmonnaa a, wommu no sɛ ɛyɛ bɔne, na mmea bɛboro ɔpepem 2 ne fã na wɔtete saa aman no mu.
  • Apɔwmuden. Aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, bɛyɛ simma abien biara, nyinsɛn ne awo mu nsɛm kum ɔbea biako, efisɛ wonnya ayaresa a ɛsɛ.
  • Agyapade. Nnɔbae a yedua wɔ wiase no, mmea na wodua dodow no ara, nanso aman pii so no, mmea nni hokwan sɛ wonya agyapade anaa wonya asase.

Adɛn nti na nneɛma a anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa nyinaa kyɛfa no abɔ mmea? Nyamesom mu gyidi ne nneyɛe bi hyɛ atirimɔdensɛm ne basabasa a wɔyɛ mmea no ho nkuran na wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ ne kwan so; saa gyidi ne nneyɛe yi na aman bi di akyiri. Franse atesɛm krataa bi faa Indiani lɔya bi a wɔfrɛ no Chandra Rami Chopra asɛm kae sɛ: “Ade biako bi wɔ hɔ a, ɛwɔ ɔsom biara mmara mu: Ɛno ne mmara a ɛma wɔyɛ nyiyim tia mmea.”

Wowɔ saa adwene no bi anaa? Wohwɛ a, sɛnea nyamesom nhoma pii bu mmea animtiaa no, saa na Bible nso te anaa? Ebinom dwene sɛ Bible mu nsɛm bi reyɛ akyerɛ saa. Nanso Onyankopɔn a Bible yɛ ne dea no, obu mmea dɛn? Eyi yɛ biribi a ɛho asɛm ka yɛ den, nanso sɛ yɛtɔ yɛn bo ase de adwempa hwɛ nea Bible ka wɔ ho a, yebenya mmuae.