Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NEA ƐMA ABUSUA NYA ANIGYE

Sɛ Wowɔ Ba Yarefo a, Dɛn na Wobɛyɛ?

Sɛ Wowɔ Ba Yarefo a, Dɛn na Wobɛyɛ?

CARLO: * “Yɛn babarima Angelo wɔ yare bi a wɔfrɛ no ‘Down syndrome.’ Ne yare no de ɔbrɛ ne ahometew ne adwennwene pii abɛto yɛn so. Sɛ wo ba nyɛ ɔyarefo mpo a, hwɛ ahoɔden a ehia sɛ wode hwɛ no. Yehia saa ahoɔden no mmɔho ɔha. Ɛtɔ da bi a etumi ka yɛn aware mpo.”

MIA: “Egye animia ne ntoboase paa na woatumi akyerɛ Angelo nneɛma nketenkete mpo. Sɛ mebrɛ paa a, ɛnkyɛ koraa na me kunu Carlo ho yɛ me ahi na me bo afuw no. Edu mmere bi a, yɛn adwene nhyia na ɛma akasakasa ba yɛn ntam.”

Wokae da a wowoo foforo no? Ná wo ho pere wo sɛ wobɛfa abofra no. Nanso sɛ wɔka kyerɛ awofo bi sɛ wɔn ba no yɛ ɔyarefo a, ɛde adwennwene bɛka anigye no ho sɛnea ɛyɛɛ Carlo ne Mia no.

Wowɔ ba bi a ɔyɛ ɔyarefo anaa? Sɛ wowɔ ba bi saa a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ wuntumi nhwɛ no. Sɛ wote nka saa a, mma w’abam mmmu. Awofo pii a wɔwɔ mma ayarefo te sɛ wo atumi ahwɛ wɔn. Ma yɛmfa ɔhaw abiɛsa a ɛwom, na yɛnhwɛ Bible mu afotu a ebetumi aboa wo.

ƆHAW 1: WUNNYE NNI SƐ WO BA NO YƐ ƆYAREFO AMPA.

Awofo pii wɔ hɔ a, sɛ wɔte sɛ wɔn ba yɛ ɔyarefo a ebubu wɔn pasaa. Juliana a ofi Mexico kae sɛ bere a adɔkotafo no ka kyerɛɛ no sɛ wɔn ba barima Santiago anya yare bi a ɛremma ontumi nnantew no,  wannye anni. Ɔkae sɛ: “Ebubuu me koraa.” Sɛnea ɔbaatan Villana a ofi Italy tee nka no, saa na afoforo nso te nka. Ɔkaa n’asɛm sɛ: “Me ara minim sɛ manyin dodo sɛ mɛwo nanso mewoe. Seesei me ba no anya Down syndrome, na sɛ ɛma ohu amane a, m’adwene bu me fɔ.”

Sɛ w’abam bu anaa w’adwene bu wo fɔ a, kae hu sɛ ɛnyɛ nwonwa koraa. Onyankopɔn ammɔ yare anka nnipa ho. (Genesis 1:27, 28) Esiane sɛ wammɔ yare ammata nnipa ho nti, sɛ obi ba yare a, na ayɛ den ama no. Enti sɛ wo ba yare a, nea ɛbɛyɛ biara wubedi awerɛhow, efisɛ woahwere abofra no apɔwmuden. Ɛbɛkyɛ ansa na ɛho awerɛhow no akɔ fam ama ɛne wo ho agye.

Sɛ ɛyɛ wo sɛ wo ba yare no fi wo nso ɛ? Kae sɛ nneɛma bi te sɛ awosu ne baabi a wɔtete abofra no tumi ka n’akwahosan, na saa nneɛma no nso obiara ntee ase nwiei. Woanhwɛ yiye nso a, wobɛka sɛ efi wo hokafo. Ɛmma saa adwene no mmma wo tirim. Sɛ wo ne wo hokafo yɛ biako na mode mo adwene si abofra no hwɛ so a, ɛno na ɛbɛboa.—Ɔsɛnkafo 4:9, 10.

AFOTU: Sua wo ba no yare ho ade pii. Bible ka sɛ: “Nyansa na wɔde kyekye ofie, na nhumu na ɛma egyina.”—Mmebusɛm 24:3.

Wubetumi asua yare no ho ade afi adɔkotafo hɔ anaa wubetumi akenkan nhoma a ɛka yare no ho asɛm. Wo ba no yare ho ade a wubesua no te sɛ obi a ɔresua kasa foforo. Ɛbɛyɛ den mfiase no, nanso wubetumi asua.

Carlo ne Mia a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no, wɔkɔhwehwɛɛ wɔn ba no yare ho nsɛm pii fii wɔn dɔkota hɔ, na wonyaa bi nso fii adwumakuw bi a wonim ne ba no yare ho nsɛm hɔ. Wɔkyerɛɛ mu sɛ nhwehwɛmu a wɔyɛe no boaa wɔn ma wohuu ɔhaw a Down syndrome yare no de ba, ne nneɛma bi nso a wɔn ba no betumi ayɛ. Wɔkae sɛ: “Yehui sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a yɛn ba no betumi ayɛ. Eyi kyekyee yɛn werɛ pii.”

SƆ EYI HWƐ: Nneɛma a wo ba no betumi ayɛ no, ɛno na fa w’adwene si so. Yɛ nhyehyɛe na abusua no nyinaa mmom nyɛ nneɛma bi. Sɛ wo ba no tumi yɛ ade ketewa bi mpo a, ma w’ani nnye na kamfo no ntɛm.

ƆHAW 2: WOTE NKA SƐ WOABRƐ NA WUNNI OBIARA A WOBƐKA W’ASƐM AKYERƐ NO.

Ebia wobɛte nka sɛ wo ba yarefo a wohwɛ no no ma wobrɛ dodo. Jenney yɛ ɔbaatan a ofi New Zealand, na ɔka sɛ: “Bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ me ba anya yare bi a wɔfrɛ no spina bifida no, mfe kakra akyi no, sɛ meyɛ fie nnwuma kakra ka nea meyɛ daa no ho a, mebrɛ paa, na ɛdan me su.”

Ɔhaw biako a ɛwom nso ne sɛ, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ w’ani ntɔ obiara anim. Ben wɔ babarima bi a wanya yare a wɔfrɛ no muscular dystrophy ne Asperger’s syndrome. Ben ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ nnipa bɛte yɛn ase.” Wo kɔn tumi dɔ sɛ wo ne obi bɛbɔ ho nkɔmmɔ. Nanso wohwɛ wo ho hyia a, wunni adamfo biara a ne ba yɛ yarefo. Enti etumi yɛ wo den sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ wɔn.

AFOTU: Ma ebinom mmoa wo. Juliana a yɛadi kan aka n’asɛm no gye toom sɛ ɛtɔ da bi a, ɛyɛ ɔne ne kunu nyinaa aniwu sɛ wɔbɛsrɛ ebinom sɛ wɔmmoa wɔn. Nanso ɔkae sɛ: “Yɛahu sɛ yehia nkurɔfo mmoa. Sɛ nkurɔfo boa yɛn a, ɛma yehu sɛ ɛnkaa yɛn nko.” Sɛ mokɔ baabi anaa Kristofo nhyiam ase na sɛ w’adamfo paa anaa wo busuani bi ka sɛ ma ɔntena wo ba no nkyɛn a, te ase ma no. Bible bɛ bi ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.”—Mmebusɛm 17:17.

Wo ara nso ɛsɛ sɛ wohwɛ w’akwahosan yiye. Sɛ ambulanse betumi atwe ayarefo akɔ ayaresabea a, ɛsɛ sɛ wɔde pɛtro gu mu, na saa ara nso na sɛ wudidi yiye, teɛteɛ w’apɔw mu na wugye w’ahome yiye a, wubetumi atoa so ahwɛ wo ba yarefo no sɛnea ɛsɛ. Javier wɔ babarima a ɔyɛ bafan, na ɔka sɛ: “Me ba no ntumi nnantew, enti mididi yiye, efisɛ me na mede no kɔ de no ba. Me nan na ɔde nantew!”

Ɛbɛyɛ dɛn na woanya bere ahwɛ w’apɔwmuden yiye? Awofo bi hɔ a, sɛ wɔn mu biako hwɛ abofra no kakra a, na obiako nso ahwɛ no kakra. Ɛba saa a, biako tumi home anaa ɔyɛ biribi foforo. Wubetumi atetew bere a wode yɛ nneɛma a ɛho nhia pii no so; mmom woanyere wo ho a, wuntumi nyɛ. Nanso sɛnea ɔbaatan bi a wɔfrɛ no Mayuri a ofi India kae no, “Ebedu baabi no na nneɛma atotɔ mu ama wo.”

Ka wo haw kyerɛ w’adamfo a wugye no di. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn mma nyɛ ayarefo nanso woka w’asɛm kyerɛ wɔn a, wɔbɛte ase akyekye wo werɛ.  Wubetumi nso abɔ Yehowa Nyankopɔn mpae. Yɛyɛ dɛn hu sɛ mpaebɔ betumi aboa? Yazmin wɔ mma baanu bi a wɔanya ntehyewanini, na tie asɛm a ɔkae. Ose: “Ɛtɔ da bi a, etumi yɛ den ma me araa ma ɛyɛ me sɛ mewu mpo.” Nanso ɔsan kae sɛ: “Ɛba saa a, mebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa me. Afei ɛma minya ahoɔden foforo de toa so.”—Dwom 145:18.

SƆ EYI HWƐ: Hwɛ w’adidi yiye, teɛteɛ w’apɔw mu bere a ɛfata, na da sɛnea ɛsɛ. Nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛho nhia pii, enti wubetumi atew bere a wode yɛ saa nneɛma no so sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ w’apɔwmuden yiye. Bɔ mmɔden toto nneɛma yiye kosi sɛ ɛbɛtotɔ mu.

ƆHAW 3: WODE W’ADWENE NYINAA SI WO BA YAREFO NO SO SEN ABUSUA NO MUFO A AKA NO.

Sɛ abofra bi yare wɔ abusua no mu a, etumi ka aduan a abusua no bedi, baabi a wɔbɛkɔ ne bere a awofo benya ama mmofra a aka no mu biara. Ɛba saa a, mmofra a aka no bɛte nka sɛ wɔn awofo nnwen wɔn ho. Afei nso, abofra a ɔyare no hwɛ betumi agye awofo no adwene araa ama aka aware no mpo. Papa bi a wɔfrɛ no Lionel a ofi Liberia ka sɛ: “Ɛtɔ da bi a, me yere ka sɛ magyae biribiara abɔ no so, na me de, minnwen yɛn ba no ho. Ɛtɔ da bi a, ɛma mete nka sɛ ommu me, enti ɛyɛ a me nso mekeka bi kyerɛ no.”

AFOTU: Nea ɛbɛyɛ na wo mma no nyinaa ahu sɛ wudwen wɔn ho no, mo nyinaa mmom nyɛ nneɛma a mmofra no ani gye ho. Jenney a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kyerɛ sɛ: “Ɛtɔ da bi a, yetumi yɛ biribi a ɛbɛma yɛn babarima panyin no ani agye. Sɛ yetumi de no kodidi baabi a ɔpɛ kɛkɛ mpo a, ɛma n’ani gye.”

Ma wo mma nyinaa nhu sɛ wudwen wɔn ho

Sɛ wubetumi ama w’aware agyina a, ɛyɛ a mommɔ nkɔmmɔ na mommom mmɔ mpae. Agya bi a wɔfrɛ no Aseem a ofi India wɔ ba bi a otwa. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da bi a me ne me yere nyinaa te nka sɛ yɛabrɛ na yɛn adwene atu afra, nanso yɛhyɛ da tena ase bɔ nkɔmmɔ na yɛbom bɔ mpae. Anɔpa biara, yɛbom susuw Bible mu asɛm bi ho ansa na yɛn mma anyan.” Awarefo bi nso bɔ nkɔmmɔ ansa na wɔada. Sɛ adwennwene hyɛ mo so a, ade a ebetumi ahyɛ mo aware den ne sɛ mobɛbɔ nkɔmmɔ akɔ akyiri na moayi mo komam abɔ mpae. (Mmebusɛm 15:22) Awarefo bi de, wɔkae sɛ, “bere a yɛrefa ɔhaw mu no, saa bere no mpo na na yɛn ani tumi gye.”

SƆ EYI HWƐ: Sɛ wo mma a aka no yɛ biribi boa wɔn nua a ɔyare no a, kamfo wɔn. Ma mmofra no ne wo hokafo nyinaa nhu bere nyinaa sɛ wodɔ wɔn, na w’ani sɔ wɔn.

MMA W’ABAM MMMU

Bible ahyɛ bɔ sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi yare biara a etumi bɔ mmofra ne mpanyin nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 21:3, 4) Saa bere no du a, “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” *Yesaia 33:24.

Seesei mpo, sɛ wowɔ ɔba yarefo bi a, wubetumi ahwɛ no kama. Carlo ne Mia a yɛaka wɔn asɛm dedaw no ka sɛ: “Sɛ wuhu sɛ nneɛma nkɔ yiye a, mpa abaw. Nneɛma pa a ɛwɔ wo ba no ho no, ɛno na fa w’adwene si so.”

^ nky. 3 Wɔasesa din a ɛwɔ asɛm yi mu no.

^ nky. 29 Apɔwmuden a edi mũ a Bible hyɛ ho bɔ no, wubetumi akenkan ho nsɛm pii wɔ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Dɛn na meyɛ a ɛbɛma manya apɔwmuden ne nkuranhyɛ na mabɛn Onyankopɔn?
  • Da bɛn na mekamfoo me mma a aka no wɔ mmoa a wɔde boa me no ho?