Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mose​—Ɔbarima a Ɔwɔ Ɔdɔ

Mose​—Ɔbarima a Ɔwɔ Ɔdɔ

DƐN NE ƆDƆ?

Sɛ yɛka sɛ obi wɔ ɔdɔ a, ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ afoforo asɛm paa. Obi a ɔwɔ ɔdɔ de ne nsɛm ne ne nneyɛe kyerɛ sɛ odwen nkurɔfo ho, na ɛtɔ da mpo a, ɔde nneɛma bɔ afɔre boa wɔn.

DƐN NA MOSE DE KYERƐE SƐ ƆWƆ ƆDƆ?

Mose kyerɛe sɛ ɔdɔ Onyankopɔn. Dɛn na ɔyɛ de kyerɛɛ saa? Momma yɛnhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 5:3 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” Mose de saa asɛm yi yɛɛ adwuma. Biribiara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no, ɔyɛe. Nneɛma a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no bi ne sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhenkɛse Farao sɛ onnyaa Israelfo mma wɔnkɔ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne poma nkyerɛ Po Kɔkɔɔ no so. Nea Onyankopɔn kae sɛ Mose nyɛ no, sɛ́ ɛso anaasɛ esua no, otiei, na “ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.”—Exodus 40:16.

Ná Mose dɔ ne nuanom Israelfo. Ná Israelfo no nim sɛ Yehowa de Mose ayɛ wɔn kannifo, enti wɔde wɔn asɛm biara kɔɔ Mose anim. Yɛkenkan sɛ: “Nkurɔfo no begyinaa Mose so fi anɔpa kosi anwummere.” (Exodus 18:13-16) Wo de, fa w’adwene bu sɛ Israelfo di akɔneaba wɔ Mose anim na otie obiara haw da mu nyinaa. Hwɛ sɛnea adwuma no bɛyɛ den ama no! Ne nyinaa mu no, na ɛnhaw Mose sɛ ɔbɛboa wɔn, efisɛ na ɔdɔ wɔn.

Sɛ ɛno da nkyɛn a, na Mose san bɔ mpae ma nnipa a ɔdɔ wɔn no. Wɔn a wɔfom Mose mpo no, ɔbɔɔ mpae maa wɔn! Ɛho nhwɛso ni: Bere a Miriam kasa tiaa ne nuabarima Mose no, Yehowa de kwata bɔɔ Miriam. Mose ani annye sɛ wɔatwe ne nuabea no aso, na mmom ɔyɛɛ ntɛm srɛ maa no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “O Onyankopɔn, mesrɛ wo, sa no yare!” (Numeri 12:3) Sɛ ɛnyɛ ɔdɔ na Mose wɔ a, anka ɔbɛbɔ mpae yi?

DƐN NA YESUA FI MU?

Yebetumi asuasua Mose na yɛanya ɔdɔ a emu yɛ den paa ama Onyankopɔn. Ɔdɔ a ɛte saa no bɛma ‘yɛafi koma mu’ atie n’asɛm. (Romafo 6:17) Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu tie Yehowa a, ɛma ne koma tɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nso yenya so mfaso, efisɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa na yɛsom no a, ɛbɛma yɛayɛ adepa, na yɛn ani begye nso sɛ yɛreyɛ saa!—Dwom 100:2.

Ɔkwan foforo a yebetumi asuasua Mose ne sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu adɔ afoforo. Sɛ yɛn nnamfo anaa yɛn abusuafo de wɔn haw bɛto yɛn anim a, ɔdɔ bɛma yɛayɛ nea edidi so yi: (1) Yebeyi yɛn yam atie wɔn; (2) yɛbɛte nka ama wɔn; (3) yɛbɛma wɔahu sɛ yedwen wɔn ho.

Yebetumi asuasua Mose abɔ mpae ama yɛn nuanom. Sɛ yɛn nuanom ka wɔn haw kyerɛ yɛn a, ɛtɔ da a etumi yɛ yɛn yaw sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee mmoa wɔn. Yetumi mpo ka sɛ, “Nea metumi ayɛ ara ne sɛ mɛbɔ mpae ama wo.” Nanso momma yɛnkae sɛ: “Sɛ ɔtreneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.” (Yakobo 5:16) Yɛn mpaebɔ betumi ama Yehowa ayɛ biribi ama onii no, na ebia sɛ yɛammɔ saa mpae no a, anka Yehowa renyɛ. Enti wohwɛ mu paa a, dɛn na ɛkyɛn sɛ wobɛbɔ mpae ama wɔn a wopɛ wɔn asɛm? *

Wunhu sɛ yebetumi asua nneɛma pii afi Mose hɔ? Ɛwom, na ɔyɛ onipa a mogya nam ne mu te sɛ yɛn ara, nanso onyaa gyidi, ahobrɛase ne ɔdɔ, na yebetumi asuasua no. Sɛ yetumi suasua Mose yiye a, yebenya so mfaso, na ɛbɛtrɛw aka afoforo nso.—Romafo 15:4.

^ nky. 8 Nea ɛbɛma Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho denneennen ayɛ n’apɛde. Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 17. Yehowa Adansefo na wotintimii.