Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mose​—Ɔbarima a Ne Gyidi Yɛ Den

Mose​—Ɔbarima a Ne Gyidi Yɛ Den

DƐN NE GYIDI?

Sɛ Bible ka “gyidi” a, ɛkyerɛ sɛ obi wɔ adanse a edi mũ wɔ biribi ho, enti ogye tom. Sɛ obi wɔ Onyankopɔn mu gyidi a, ɔwɔ ahotoso sɛ ne bɔhyɛ nyinaa bɛba mu.

DƐN NA MOSE DE KYERƐE SƐ ƆWƆ GYIDI?

Mose de n’adwene nyinaa sii Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so. (Genesis 22:15-18) Ná anka Mose betumi adi yiye wɔ Egypt, nanso wamfa n’adwene ankɔ so, na mmom “ɔpawee sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani mmom sen sɛ obenya bɔne mu anigye bere tiaa bi.” (Hebrifo 11:25) Nea ɔyɛe no, akyiri yi onuu ne ho anaa? Dabi, efisɛ Bible ka sɛ Mose ‘kɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.’ (Hebrifo 11:27) Mose annu ne ho da sɛ ne gyidi nti, osii saa gyinae no.

Mose bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa nkurɔfo ma wɔanya gyidi. Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi. Bere a Israelfo no duu Po Kɔkɔɔ no ano no, ɛyɛɛ sɛnea wɔaka Farao asraafo no ne Po Kɔkɔɔ no ntam. Ná wonim sɛ wɔawu awie, enti wosu frɛɛ Yehowa ne Mose. Dɛn na na Mose bɛyɛ?

Ɛbɛyɛ sɛ na Mose nnim sɛ Onyankopɔn bɛpae Po Kɔkɔɔ no mu ama Israelfo no afa mu akɔ. Nanso na Mose wɔ awerɛhyem sɛ ɔkwan biara so, Onyankopɔn bɛyɛ biribi abɔ ne nkurɔfo ho ban. Enti, na Mose pɛ sɛ Israelfo no nyinaa nya saa awerɛhyem no bi. Yɛkenkan sɛ: “Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Munnsuro. Munnyina pintinn na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa nnɛ.’” (Exodus 14:13) Mose tumi hyɛɛ ne kuromfo no gyidi den anaa? Otumi yɛe, efisɛ Bible ka Mose ne Israelfo nyinaa ho asɛm sɛ: “Gyidi nti wɔfaa Po Kɔkɔɔ no mu te sɛ nea wɔnam asase kesee so.” (Hebrifo 11:29) Mose nyaa ne gyidi so akatua, na obiara a ɔwɔ saa gyidi no bi nso benya so akatua.

DƐN NA YESUA FI MU?

Yebetumi asuasua Mose na yɛde yɛn adwene nyinaa asi Onyankopɔn bɔhyɛ so. Ɛho nhwɛso ni: Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛde ne som di kan wɔ yɛn asetenam a, ɔno nso de nea yehia bɛma yɛn. (Mateo 6:33) Ɛnnɛ, honam fam nneɛma agye wiase no adwene, enti ɛyɛ den sɛ obi beyi n’adwene afi so. Nanso sɛ yɛbɔ mmɔden de Yehowa som di kan, na yɛamma honam fam nneɛma annye yɛn adwene a, Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yehia nyinaa. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.”—Hebrifo 13:5.

Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden boa afoforo ma wɔn gyidi yɛ den. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, awofo a wodwen wɔn mma ho nim sɛ wɔwɔ adwuma kɛse sɛ wɔboa wɔn mma ma wonya Onyankopɔn mu gyidi. Bere a mmofra no renyin no, biribi a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ awofo ma wohu ne sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɔno na ɔkyerɛ yɛn papa ne bɔne. Afei nso, ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn mma hu sɛ, sɛ wodi Onyankopɔn mmara so a, ebesi wɔn yiye. (Yesaia 48:17, 18) Ɛyɛ akyɛde kɛse sɛ awofo bɛboa wɔn mma ama wɔanya Onyankopɔn mu gyidi sɛ “ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”—Hebrifo 11:6.