ƆWƐN-ABAN May 2013 | Enti Onyankopɔn Tirim Yɛ Den?

Atoyerɛnkyɛm a esisi nnɛ ne atemmu a Onyankopɔn de ba nkurɔfo so a Bible aka ho asɛm no nti, ebinom adwen bɔne ama Onyankopɔn. Nea wɔka no, ɛkyerɛ ampa sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den?

ASƐM A ƐDA SO

Adɛn Nti na Ebinom Se Onyankopɔn Tirim Yɛ Den?

Nnipa pii te nka sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den anaa nea ɛrekɔ so no mfa ne ho. Dɛn na Bible ka wɔ ho?

ASƐM A ƐDA SO

Atoyerɛnkyɛm—Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Tirim Yɛ Den Anaa?

Sɛ Onyankopɔn kyi atirimɔdensɛm a, adɛn nti na ɔma atoyerɛnkyɛm kunkum nnipa a wɔte wɔn baabi redwen wɔn ho?

ASƐM A ƐDA SO

Onyankopɔn Atemmu—Ɛkyerɛ sɛ Ne Tirim Yɛ Den Anaa?

Momma yɛnkɔ Bible mu nkɔhwɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde baa nkurɔfo so no mu abien, na yebenya asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛno ne Noa bere so Nsuyiri ne Kanaanfo a Onyankopɔn tɔree wɔn ase no.

ASƐM A ƐDA SO

Wode Wo Ho Bɛto Onyankopɔn So?

Wopɛ sɛ wuhu anigye a ɛwɔ Onyankopɔn adamfofa mu a, kenkan saa asɛm yi.

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Mede Sii M’ani So sɛ Medi Sɔfo”

Efi Roberto Pacheco mmofraase na ɔde sii n’ani so sɛ obedi Katolek sɔfo. Kenkan nea ɛyɛe a ɔsesae.

NEA ƐMA ABUSUA NYA ANIGYE

Mmusua a Mmanoma Wom ne Emu Haw

Ɛbɛyɛ dɛn na Bible atumi aboa awofo a wɔretete mmanoma ama asomdwoe atena wɔne wɔn nnamfo, wɔn abusuafo, ne wɔn kora mpo ntam?

BƐN ONYANKOPƆN

Enti Yehowa Dwen Wo Ho Ampa?

Wunnye nni sɛ wo ho hia Onyankopɔn anaa? Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 6:44 no ma yehu sɛ Onyankopɔn dwen obiara ho.

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Onyankopɔn de bɔne a emu yɛ duru mpo kyɛ anaa? Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn ani sɔ yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Truth

Ɛhe na ɛwɔ? Mfaso bɛn na wo ne w’abusua betumi anya afi mu? Yɛde anigye refrɛ wo sɛ bra bi na betie nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ ɔmantam nhyiam a yɛde nnansa bɛyɛ no ase.

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Yehowa Adansefo Gye Di sɛ Wɔn Nko Ara na Wobenya Nkwa Anaa?

Bible kyerɛkyerɛ mu ma yehu nnipa a wobetumi anya nkwagye.