Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akokoakoko—Dɛn na Wo Som Yɛ Wɔ Ho?

Akokoakoko—Dɛn na Wo Som Yɛ Wɔ Ho?

Ná Alberto yɛ ɔsraani; ɔyɛɛ adwuma no bɛyɛ mfe du. N’asɛm a ɔkae ne sɛ: “Yɛn sɔfo hyiraa yɛn ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Onyankopɔn ka mo ho.’ Nanso nea na meredwen ho ne sɛ, ‘Bible se, “Nni awu,” ɛnna me nso merekokum nnipa yi.’”

Wiase Ko II no, na Ray yɛ ɔsraani a ɔyɛ adwuma wɔ po so. Bere bi obisaa wɔn sɔfo sɛ: “Woba hyɛn yi mu a, wobɔ mpae ma asraafo no sɛ wonkodi nkonim. Ɛnyɛ saa ara na atamfo no nso yɛ anaa?” Ɔsɔfo no kae sɛ Awurade akwan de, obiara ntumi nte ase.

Mmuae a ɔsɔfo no mae no, nnipa pii na wɔnte ase.

DƐN NA BIBLE NO KYERƐKYERƐ?

Yesu kae sɛ Onyankopɔn ahyɛde biako a ɛho hia paa ne “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Marko 12:31) Bere a Yesu reka n’asɛm no, ɔkae sɛ yɛnhwɛ baabi a yɛn yɔnko no te anaa baabi a ofi ansa na yɛadɔ no anaa? Dabi. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yohane 13:34, 35) Asɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ dɔ a wɔbɛdodɔ wɔn ho no bɛyɛ kɛse araa ma nkurɔfo behu sɛ wɔyɛ n’asuafo ampa. Ɛbɛma wɔde wɔn nkwa mpo ato hɔ ama wɔn yɔnko, na ɛnyɛ sɛ wobedi awu.

Tete Kristofo no de Yesu nsɛm no yɛɛ adwuma. Nyamesom ho nhoma bi ka sɛ: “Tete asɔre agyanom a Tertullian ne Origen ka ho no sii so dua sɛ Kristofo nni hokwan sɛ wokum nnipa, nnyinasosɛm a amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Roma sraadi mu.”—The Encyclopedia of Religion.

SƐN NA YEHOWA ADANSEFO DE YƐ ADWUMA?

Ɛkame ayɛ sɛ Yehowa Adansefo wɔ ɔman biara mu; sɛ ɛba sɛ aman abien reko a, etumi ba sɛ Yehowa Adansefo no bi te ha, na ebi nso te ha. Nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho; ɛno na ɛma nkurɔfo hu sɛ wɔyɛ Yesu asuafo.

Ɛyɛ a nyamesom mpanyimfo kyerɛkyerɛ sɛ Kristofo nnodɔ wɔn ho anaa?

Afe 1994 mu no, ntɔkwaw kɛse bi sii Hutufo ne Tutsifo ntam wɔ Rwanda, nanso Yehowa Adansefo annyina obiara akyi. Adansefo no de wɔn nkwa too wɔn nsam de wɔn nuanom hintawee. Adansefo baanu bi a wɔyɛ Hutufo de wɔn nuanom Tutsifo siei, na bere a Hutu asraafo a wɔfrɛ wɔn Interahamwe no kyeree Hutu Adansefo no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Tutsifo a moaboa wɔn ama wɔaguan nti, yebekum mo.” Awerɛhosɛm ne sɛ, wokum Hutu Adansefo baanu no.—Yohane 15:13.

Enti dɛn na wobɛka? Nea Yehowa Adansefo no yɛe no, ɛne asɛm a Yesu kae sɛ yɛmfa yɛn nkwa nto hɔ mma yɛn nuanom mfa nkyerɛ yɛn dɔ no hyia anaa?