Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmara a Onyankopɔn De Maa Israel No, Ɛma Wɔbuu Atɛntrenee?

Mmara a Onyankopɔn De Maa Israel No, Ɛma Wɔbuu Atɛntrenee?

BERE bi, wɔbuu mmarima mmienu bi kumfɔ wɔ aburokyiman mu baabi sɛ wɔadi awu. Adanse a wɔgyinaa so buu wɔn fɔ no, na ɛnni mu. Enti bere a asɛm no mu nokware bɛdaa adi no, mmaranimfo yɛɛ nea wɔbɛtumi biara ma wɔgyaee baako. Baako a ɔka ho no de, na biribiara nni hɔ a mmaranimfo a wɔaben mpo bɛtumi ayɛ ama no, efisɛ na wɔakum no dedaw.

Atɛnkyea a ɛte saa bɛtumi akɔ so wɔ ɔman biara mu. Ɛno nti, Bible ka sɛ: “Asɛntrenee, asɛntrenee na di.” (Deuteronomium 16:20) Sɛ atemmufo bu atɛntrenee a, ɔmanfo ho tɔ wɔn. Onyankopɔn maa tete Israelfo Mmara a na ɛma wɔbu atɛntrenee. Bible ka sɛ, Onyankopɔn “akwan nyinaa teɛ.” Enti ma yɛnsusu saa Mmara no ho nhwɛ sɛ saa asɛm no yɛ nokware anaa.Deuteronomium 32:4.

ATEMMUFO A WƆYƐ “ANYANSAFO A WƆN ANI DA HƆ NA WƆWƆ SUAHU”

Sɛ atemmufo yɛ wɔn adwuma yiye na animhwɛ biara nnim, na sɛ wɔpo kɛtɛasehyɛ a, ɔmanfo no nya so mfaso. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no, saa na na ɛkyerɛ sɛ atemmufo nyɛ. Bere a wɔhyɛɛ wɔn akwantu ase wɔ sare so no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmpaw “mmarima a wɔfata, wosuro Onyankopɔn, wodi nokware, na wɔnyɛ adifudepɛ” mma wɔmmu ɔman no atɛn. (Exodus 18:21, 22) Mfe aduanan akyi no, Onyankopɔn san sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbu Israelfo atɛn no yɛ “mmarima anyansafo a wɔn ani da hɔ na wɔwɔ suahu.”Deuteronomium 1:13-17.

Mfe pii akyi no, Ɔhene Yehosafat * ka kyerɛɛ Yuda atemmufo sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yiye, efisɛ ɛnyɛ onipa na mubu atɛn ma no, na mmom Yehowa, na ɔka mo ho atemmu no mu. Afei munsuro Yehowa, na momfa ahwɛyiye nyɛ adwuma no, efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn nyɛ bɔne, ɔnhwɛ nnipa anim, na onnye adanmude.” (2 Beresosɛm 19:6, 7) Ɔhene no asɛm no kaee atemmufo no sɛ, sɛ wɔyɛ adifudepɛ ne animhwɛ kyea atemmu ma ɔhaw bi ba a, ɛnde na wɔne Onyankopɔn na anya.

Bere a Israel atemmufo de saa akwankyerɛ pa no buu atɛn no, ɔmanfo no tee nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Afei nso, Onyankopɔn Mmara no maa atemmufo no akwankyerɛ bi a wɔbɛgyina so abu atɛntrenee wɔ nsɛm a ne di yɛ den mpo mu. Akwankyerɛ no bi ne sɛn?

AKWANKYERƐ A ƐMA WƆBUU ATƐNTRENEE

Ansa na wɔbɛpaw obi sɛ ɔtemmufo wɔ tete Israel no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onyansafo a ne ho akokwaw. Ɛno nso nkyerɛ sɛ wɔn ankasa nyansa na wɔde buu atɛn. Yehowa Nyankopɔn maa wɔn akwankyerɛ pa a na ɛbɛma wɔabu atɛntrenee. Akwankyerɛ a Yehowa de maa Israel atemmufo no, emu bi na edidi so yi.

Hwehwɛ asɛm no mu yiye. Onyankopɔn nam Mose so de akwankyerɛ yi maa Israel atemmufo sɛ: “Sɛ moredi mo nuanom ntam asɛm a, mummu atɛntrenee obi ne ne nua . . . ntam.” (Deuteronomium 1:16) Sɛ ɔtemmufo anhu asɛm bi mu yiye a, ɔrentumi mmu atɛntrenee. Ɛno nti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn a wodi asɛm no sɛ: “Hwehwɛ asɛm no mu hwɛ sɛ ɛyɛ nokware  anaa.” Sɛ wɔbɔ obi sobo a, ansa na atemmufo bɛdi asɛm no, na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ “asɛm no mu yiye hu sɛ ɛyɛ ampa.”Deuteronomium 13:14; 17:4.

Tie adansefo anom asɛm. Ná adansefo anom asɛm ho hia paa na ama wɔahu asɛm bi mu yiye. Onyankopɔn Mmara kaa sɛ: “Onipa biako rentumi nsɔre nni adanse ntia obi wɔ mfomso anaa bɔne bi ho, bɔne biara a wayɛ ho. Adansefo baanu anaa baasa anom nsɛm so na asɛm no nnyina.” (Deuteronomium 19:15) Onyankopɔn Mmara no ka kyerɛɛ obiara a ɔbɛdi asɛm bi ho adanse sɛ: “Mma atosɛm nnyɛ wo dɛ. Na wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso nnkodi adansekurum.”Exodus 23:1.

Hwɛ ma obiara nka nokware wɔ asɛnnii. Sɛ obi nya adwene sɛ ɔbɛtwa nkontompo wɔ asɛnnibea na ɔhwɛ asotwe a ɛda hɔ ma wɔn a wɔyɛ saa no a, ɛno nko ara mpo bɛma wasuro, efisɛ Mmara no kaa sɛ: “Atemmufo no nhwehwɛ asɛm no mu yiye, na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔdansefo no redi adansekurum na watwa asɛm ato ne nua no so a, ɛnde ade a ɔbɔɔ pɔw sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no, mo nso monyɛ no saa ara, na munyi adebɔne biara mfi mo mu.” (Deuteronomium 19:18, 19) Enti sɛ obi twa asɛm to ne nua so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛgye n’agyapade afi ne nsam na sɛ nokware no bɛda adi a, wɔbɛgye ade koro no ara bi afi ne hɔ de atwe n’aso. Sɛ odii adansekurum sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkum obi a ɔnim sɛ ɔnni fɔ a, ɛnde na wɔbɛkum no ahyɛ anan. Saa akwankyerɛ yi boa maa nkurɔfo kaa nokware.

Nnyɛ animhwɛ. Sɛ atemmufo no nya adanse a ɛwɔ asɛm no ho nyinaa wie a, na ɛsɛ sɛ wɔsusu ne nyinaa ho na wɔgyina so bu atɛn. Edu saa bere no a, na ɛho abɛhia sɛ atemmufo no de asɛntitiriw  bi a ɛwɔ Onyankopɔn Mmara mu di dwuma. Ɛno ne sɛ: “Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ, na munnni mmma onipa titiriw. Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.” (Leviticus 19:15) Asɛm biara a atemmufo bɛdi no, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ de to nea ɛda. Ná ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ obi tenten, ne kɛse anaa ne dibea ho bu no atɛn.

Saa akwankyerɛ yi wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no mu. Mmara no akyɛ paa, nanso ɛnnɛ yi nyinaa, asɛnnibea ahorow bɛtumi de aba a ɛwom no ayɛ adwuma. Sɛ wɔde yɛ adwuma a, anka wɔremmu atɛnkyea.

Sɛ wɔde aba a ɛwɔ Onyankopɔn Mmara mu no yɛ adwuma a, anka wɔremmu atɛnkyea

WƆN A WƆNYAA ATƐNTRENEE SO MFASO

Mose bisaa Israelfo sɛ: “Ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ ahyɛde ne atemmusɛm a ɛteɛ sɛ mmara a mede rema mo nnɛ yi?” (Deuteronomium 4:8) Nokwasɛm ne sɛ, na ɔman foforo biara nni hɔ saa. Bere a Solomon fii ase dii hene wɔ ne mmeranteberem no, ɔde Yehowa mmara yɛɛ adwuma. Enti ne manfo “tenaa hɔ dwoodwoo,” na “wodidi nomee” efisɛ na wɔdi yiye na na wɔn asom dwo wɔn.1 Ahene 4:20, 25.

Awerɛhosɛm ne sɛ, eduu baabi no, na Israelfo mfa Onyankopɔn asɛm nyɛ adwuma bio. Onyankopɔn nam odiyifo Yeremia so kaa sɛ: “Hwɛ! Yehowa asɛm na wɔapo yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?” (Yeremia 8:9) Nea efii mu bae ne sɛ, Yerusalem bɛyɛɛ ‘mogya kurow a abofonode’ ahyɛ mu ma. Ewiee ase no, wɔsɛee kurow no pasaa ma ɛdan amamfõ mfe 70.Hesekiel 22:2; Yeremia 25:11.

Bere a na nneɛma nkɔ yiye wɔ Israel no nyinaa, na odiyifo Yesaia wɔ hɔ. Ɔhwɛɛ sɛnea nneɛma rekɔ, na ɔkaa biribi faa Yehowa Nyankopɔn ne ne Mmara ho. Ɔkaa sɛ: “Wubu asase atɛn a, asase sofo nyinaa sua adetrenee.” Saa asɛm no yɛ nokware paa.Yesaia 26:9.

Anigyesɛm ne sɛ, honhom kaa Yesaia ma ɔhyɛɛ Ɔhene Yesu Kristo a ɔne Mesia no ho nkɔm sɛ: “Ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obeyi ntɛn. Na ɔde atɛntrenee bebu ahiafo atɛn na ɔde trenee ayi asase so ahobrɛasefo ntɛn.” (Yesaia 11:3, 4) Onyankopɔn Ahenni ba a, nnipa a wɔbɛtena asase so no ani bɛgye paa, efisɛ Mesia no na ɔbɛyɛ wɔn hene.Mateo 6:10.

^ nky. 6 Edin Yehosafat no kyerɛ “Yehowa Ne Temmufo.”