Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN AHENNI—ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA WO?

Onyankopɔn Ahenni—Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Wo

Onyankopɔn Ahenni—Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Wo

Yɛreka ba yi nyinaa, ebia woahu sɛ Onyankopɔn Ahenni no ho hia Yehowa Adansefo paa. Bere a wohuu nhyira a Onyankopɔn Ahenni de bɛba daakye no, ɛbɛyɛ sɛ w’ani gyei. Nanso, ebia na wonhu sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam anaasɛ ɛremma mu.

Sɛ saa na ɛyɛ wo a, mma no nhaw wo, efisɛ wote biribi a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye ansa na woagye adi. (Mmebusɛm 14:15) Biribi saa na tete Beroiafo nso yɛe. * Bere a wɔtee Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, wɔgye toom. Nanso, ɛnyɛ sɛ na ɛyɛ wɔn asom dɛ kɛkɛ ntia. Mmom, na wɔto wɔn bo ase hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu “hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.” (Asomafo Nnwuma 17:11) Ɛno kyerɛ sɛ Beroiafo no de asɛmpa a wɔtee no totoo Kyerɛwnsɛm no ho. Ɛno maa wɔhuu sɛ asɛmpa a wɔtee no fi Onyankopɔn Asɛm mu ampa.

Yehowa Adansefo ani bɛgye ho sɛ wo nso wobɛyɛ saa. Yɛne nkurɔfo sua Bible a yɛnnye sika. Enti sɛ wopɛ a, yɛbɛboa wo ama wode nea Yehowa Adansefo ka fa Onyankopɔn Ahenni ho no atoto nea Bible kyerɛkyerɛ no ho.

Sɛ wosua Bible a, ɛnyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho ade nko ara na wobɛhu. Wobɛsan anya nsɛmmisa a ɛho hia paa no ho mmuae. Ebi ni:

Wosua Bible a, mfaso kɛse a wobɛnya ne sɛ, ɛbɛma ‘woabɛn Onyankopɔn.’ (Yakobo 4:8) Sɛ wobɛn Onyankopɔn a, wobɛhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛma woanya nneɛma pa pii nnɛ de akosi daa. Bere a Yesu rebɔ n’Agya mpae no, ɔkaa sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ [wɔbɛhu] wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”Yohane 17:3.

 

^ nky. 4 Ná Beroia yɛ kurow a ɛwɔ tete Makedonia.