Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | SATAN ƆWƆ HƆ ANKASA?

Yɛka Satan a Ɛno Ara ne Bɔne?

Yɛka Satan a Ɛno Ara ne Bɔne?

Bible ka Satan a, anhwɛ a obi bɛfa no sɛ ɛno ara ne bɔne. Nanso, saa na Bible kyerɛkyerɛ ankasa? Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na Bible san ka sɛ Satan ne Yesu Kristo kasae, na ɔne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn mpo kasae? Ma yɛnhwɛ saa nkɔmmɔ no bi.

SATAN NE YESU NKƆMMƆ

Bere a Yesu hyɛɛ ne som adwuma ase no, Ɔbonsam de sɔhwɛ mmiɛnsa baa no so. Edi kan, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yesu ma wadwen ɔno ara ne ho. Anka ɔpɛ sɛ Yesu de tumi a Onyankopɔn de ama no no dwudwo ne kɔm ano. Ɛno akyi no, Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ biribi a anka ɛde ne nkwa bɛto asiane mu na atwe nkurɔfo adwene aba Yesu so. Afei Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ, sɛ ɔbɔ ne mu ase som no a, ɔbɛma wadi wiase ahenni nyinaa so. Yesu de Kyerɛwnsɛm no bɔɔ saa adɛfɛdɛfɛsɛm no nyinaa gui.Mateo 4:1-11; Luka 4:1-13.

Hena na na Yesu ne no rekasa? Subammɔne bi a ɛwɔ ɔno ara mu na na ɛrekasa kyerɛ no anaa? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Yesu yɛ “obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho.” (Hebrifo 4:15) Bible san ka sɛ: “Wanyɛ bɔne biara, na wɔanhu nnaadaasɛm nso wɔ n’anom.” (1 Petro 2:22) Ná Yesu yɛ pɛ, na ɔkɔɔ so dii nokware kɔsii ase. Wannya subammɔne biara. Enti ɛrentumi mma sɛ bɔne bi a ɛwɔ ne mu na na ɛrekasa kyerɛ no. Mmom no, obi a ɔwɔ hɔ ankasa na na ɔne no rekasa.

Satan ne Yesu nkɔmmɔ yi ma yɛhu biribi foforo a ɛkyerɛ sɛ Satan wɔ hɔ ankasa.

  • Kae sɛ Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ, sɛ ɔkotow no a, ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no. (Mateo 4:8, 9) Sɛ Satan nyɛ obi a ɔwɔ hɔ a, anka ɔbɛyɛ dɛn aka sɛ ɔde saa nneɛma no bɛma Yesu? Bere a Satan kaa sɛ saa tumi no nyinaa yɛ ne dea no nso, Yesu annye ho akyinnye.

  • Nea Ɔbonsam kekae nyinaa, Yesu anyɛ. Ɔbonsam huu saa no, “ogyaw no hɔ kosii bere foforo.” (Luka 4:13) Sɛ yɛhwɛ nea kyerɛwsɛm yi ka a, yɛhu sɛ Satan nyɛ subammɔne bi a ɛwɔ obi mu na mmom ɔtamfo a ɔnte gyae.

  • Hyɛ no nsow sɛ, “abɔfo bae, na wofii ase som” Yesu. (Mateo 4:11) Abɔfo a wɔbae no, na wɔyɛ honhom abɔde ankasa a wɔbɛhyɛɛ Yesu den. Enti yɛbɛtumi aka sɛ Satan nso yɛ honhom abɔde a ɔwɔ hɔ ankasa.

SATAN NE ONYANKOPƆN NKƆMMƆ

Afei ma yɛnhwɛ nkɔmmɔ mmienu bi a ɛkɔɔ so wɔ Ɔbonsam ne Onyankopɔn ntam. Ná ɛfa  Onyankopɔn somfo Hiob ho. Hiob nokwaredi nti, Onyankopɔn kamfoo no wɔ nkɔmmɔ no biara mu. Nsɛm a Satan kae no kyerɛ sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Onyankopɔn, na mmom nea Onyankopɔn yɛ ma no ntia. Nea na Ɔbonsam repɛ akyerɛ ne sɛ ɔnim Hiob sen Onyankopɔn. Yehowa maa Satan kwan maa ɔgyee Hiob agyapade, kunkum ne mma, na ɔma ɔyaree mpo. * Akyiri yi, ɛbɛdaa adi sɛ nea Yehowa ka faa Hiob ho no yɛ nokware, na Satan yɛ ɔtorofo. Hiob nokwaredi nti, Onyankopɔn hyiraa no.Hiob 1:6-12; 2:1-7.

Wohwɛ nkɔmmɔ a Onyankopɔn ne Satan dii no a, na Yehowa ne bɔne a ɛwɔ ne mu na ɛrekasa anaa? Bible ka sɛ: “Nokware Nyankopɔn no de, ne kwan yɛ pɛ.” (2 Samuel 22:31) Onyankopɔn asɛm san ka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ.” (Adiyisɛm 4:8) Sɛ yɛka sɛ obi yɛ kronkron a, ɛkyerɛ sɛ efĩ nni ne ho, ne ho tew, na bɔne biara nni ne ho. Yehowa yɛ pɛ, na mfomso biara nni ne ho. Ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛtumi anya subammɔne.

Amane a Hiob huu wɔ Satan ne Onyankopɔn nkɔmmɔ no akyi no, na ɛyɛ pa ara

Nea yɛaka yi nyinaa akyi no, ebia ebinom bɛka sɛ Hiob koraa, ɔnyɛ obi a ɔtenaa ase ankasa, enti nkɔmmɔ a yɛaka ho asɛm no yɛ anansesɛm. Nanso, wohwɛ a, ɛtɔ asom? Nsɛm foforo a ɛwɔ Bible mu ma yɛhu sɛ Hiob yɛ onipa paa a ɔtenaa ase. Ɛho nhwɛso ne asɛm a ɛwɔ Yakobo 5:7-11. Ɛka Hiob ho asɛm sɛ obi a ɔtwaa sa too hɔ maa Kristofo a wɔrefa ahohia mu. Enti sɛ obi kan a, ɛhyɛ no nkuran sɛ wampa abaw a Yehowa bɛhyira no. Wo deɛ yɛmfa no sɛ Hiob yɛ anansesɛm mu nnipa, na sɔhwɛ a Satan de baa ne so no nso yɛ anansesɛm. Wohwɛ a, anka saa asɛm no bɛtumi ahyɛ obi a ɔwɔ ahohia mu den? Afei, Hesekiel 14:14, 20 bobɔɔ atreneefo mmiɛnsa bi din, na na Hiob ka ho. Mmienu a aka no ne Noa ne Daniel. Sɛnea Noa ne Daniel yɛ nnipa paa a wɔtenaa ase no, saa ara na Hiob nso te. Ná ɔyɛ obi a ɔwɔ gyidi kɛse. Sɛ Hiob yɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa a, ɛnde wonnye nni sɛ nea ɔsɔɔ no hwɛe no nso yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa?

Eyinom nyinaa ma yɛhu sɛ Bible ka Satan a, na ɛreka honhom abɔde bi a ɔwɔ hɔ ankasa ho asɛm. Nanso, ebia wobɛka sɛ, ‘Ɛnnɛ wiase yi mu de, dɛn na Satan bɛtumi de ayɛ me ne m’abusua?’

ƐNNƐ NSO Ɛ?

Kurow a wote mu no, fa no sɛ wowɔ hɔ ara na nsɛmmɔnedifo pii bɛhyɛɛ mu ma. Ɛba saa a, nneɛma bɔne nko ara na ɛbɛkɔ so, na ɛhɔ tena nso bɛyɛ hu. Biribi a ɛte saa asi. Wɔatow Satan ne n’adaemone abɛgu asase so. Wɔn nyinaa yɛ honhom abɔde a wɔwɔ hɔ ankasa a wɔsɔre tiaa Onyankopɔn. Enti wohwɛ a, dɛn na ɛbɛsi asase so? Sɛ wotie kaseɛbɔ a, dɛn na ɛrekɔ so wɔ wo man mu? Amannɔne nso ɛ?

  • Wonhu sɛ mmɔden a nnipa abɔ nyinaa akyi no, awurukasɛm kɔ ara na ɛrekɔ soro?

  • Ɛmfa ho sɛ awofo pii kasa tia anigyede a abayisɛm ne abosonsɛm wom no, wonhu sɛ dɔ ara na ɛredɔɔso?

  • Wonhu sɛ mmɔden a nnipa rebɔ sɛ wɔbɛbɔ asase ne emu nneɛma ho ban nyinaa akyi no, sɛe ara na nneɛma resɛe?

  • Wonhu sɛ nneɛma regyigya, na akɔyɛ te sɛ nea obi repiapia nnipa akɔ ɔsɛe mu?

Bible ma yɛhu onii ko a ɔde ɔhaw yi nyinaa ba. Ɛka sɛ: “Wɔtow ɔtweaseɛ kɛse no kyenee, ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofo nyinaa no; wɔtow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. . . . Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn na ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:9, 12) Eyinom nyinaa nti, nnipa pii abɛgye atom sɛ Satan yɛ honhom abɔde a ne ho yɛ hu, na nea ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa, ɔno na ɔhyɛ akyi.

Ebia wobɛpɛ sɛ wohu baabi a wobɛnya ahobammɔ. Sɛ saa na wote nka a, ntease wom. Wokenkan asɛm a edi hɔ no a, ɛbɛtumi aboa wo.

^ nky. 12 Bible ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.