Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wonim?

So Wonim?

Bere a Herode resan asi asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no, ɔhaw bɛn na ɔhyiae?

Asɔrefie a Solomon ma wɔsii wɔ Yerusalem no, wɔsii wɔ koko so. Nea ɛbɛma asɔrefie no anya nnyinasoɔ no, ɔtoo ɔfasuo wɔ koko no nifa ne ne benkum so. Ná Herode pɛ sɛ ɔsi asɔrefie no ma ɛyɛ kɛse na ɛyɛ fɛ sene Solomon deɛ no, enti ɔfirii ase sesaa dada no mu na ɔsan trɛw mu.

Asɔrefie no, na n’atifi fam yɛ tɛtrɛɛ, na Herode adwumayɛfo no yɛɛ adwuma wɔ hɔ baee mu. Anafo fam nso, wɔtrɛɛ asase no mu de mita 32 (anammɔn 105) kaa ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ saa no, wɔhyehyɛɛ aboɔ akɛse wɔ hɔ nyinaa na afei wɔtoo ɔfasuo no. Wɔtoo ɔfasuo no kɔɔ soro kɔduu mita 50 (anammɔn 165).

Ná Herode mpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara ama ahyɛ Yudafo no abufuo, anaa ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛsɛe ɔsom adwuma a na asɔfo no yɛ wɔ asɔrefie hɔ no. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kaa mpo sɛ, ɛnam sɛ na asɔfo no nko ara na wɔtumi wura mmeae pɔtee bi nti, Herode bɔɔ mmɔden kyerɛɛ Yudafo asɔfo no kapenta adwuma, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔde aboɔ si dan.

Herode wui ansa na wɔresi asɔrefie no awie. Ɛfiri bere a Herode fii adwuma no ase bɛsi afe 30 no, ɛyɛ mfe 46. (Yohane 2:20) Herode banana Agripa II a ɔtenaa ase asomafo no bere so no, ɔno na ɔsii asɔrefie no wiei.

Adɛn nti na Maltafo no kaa sɛ ɔsomafo Paulo yɛ wudini?

Nyame a ɔtua bɔne so ka rehwe nyame a ɔnka bɔne ho hwee

Ɛbɛyɛ sɛ na Hela som mu nkyerɛkyerɛ adi nnipa a wɔte Malta no mu pii ti. Asɛm bi a ɛsii bere a Paulo nyaa ɛpo so akwanhyia wɔ Malta no ma yɛhu saa; wɔaka ho asɛm wɔ Asomafoɔ Nnwuma no mu. Ná Paulo reboaboa mmabaa ano asɔ gya ama ɔne ne mfɛfo akwantufo a wɔnyaa saa akwanhyia no ato. Mpofirim ara, ahuritia bi firii mmabaa no mu bɛbebaree ne nsa ho. Enti bere a supɔw no sofo hui no, wɔkaa sɛ: “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ onipa yi yɛ wudini, na ɛwom sɛ wafiri po no mu afiri dwoodwoo deɛ, nanso ɛsiane sɛ bɔne so wɔ akatua nti, ɛremma sɛ ɔbɛnya ne tiri adidi mu.”—Asomafoɔ Nnwuma 28:4.

Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ “bɔne so wɔ akatua” no ne “di’ke,” na ɔkwan bi so no ɛbɛtumi akyerɛ sɛ woyɛ bɔne a, woremfa wo ho nni. Hela atetesɛm mu no, na Dike yɛ onyame a ɔtua bɔne so ka. Enti na Helafo gye di sɛ, sɛ onipa bi yɛ bɔne wɔ sum ase mpo a, onyame Dike hu, na ɔka kyerɛ onyame Seus ma wɔde ho asotwe ma onipa no. Ɛno nti nwoma bi ka sɛ, ebia na Maltafo no susu sɛ: ‘Ɛwom sɛ Paulo nyaa ne ti didii mu wɔ po so akwanhyia no mu deɛ, nanso ebia na wayɛ bɔne bi asie ma onyame Dike nam ahuritia no so rebɛtwe n’aso.’ Bere a wɔhuu sɛ hwee anyɛ Paulo no, wɔsesaa wɔn adwene.