Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm Bi a Yehowa Adansefo Taa De Di Dwuma

Nsɛm Bi a Yehowa Adansefo Taa De Di Dwuma

Yɛda wo ase paa sɛ nneɛma a Yehowa Adansefo yɛ no, wopɛ sɛ wode ho amanneɛbɔ to gua. Sɛ Yehowa Adansefo reka wɔn som no ho asɛm a, wɔwɔ nsɛm bi a wɔtaa de di dwuma. Yɛaboaboa bi ano wɔ ha. Ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea yɛkyerɛw saa nsɛm no, ne nea ebiara kyerɛ. Sɛ biribi wɔ hɔ a wonte ase, na sɛ ɛho nkyerɛkyerɛmu nso nni ase ha a, yɛsrɛ wo, wubetumi abisa ho asɛm afi Yehowa Adansefo ɔfese kɛse anaa Betel a ɛwɔ wo man mu no hɔ.

Ahenni Asa anaa Yehowa Adansefo Ahenni Asa. Ɛyɛ baabi a Yehowa Adansefo kohyiam som Onyankopɔn. Asafo baako anaa nea ɛboro saa na ehyia hɔ. Yɛtaa frɛ no “Ahenni Asa.” Yɛpa mo kyɛw, monnkyerɛw no “asɔredan.”

Akwankyerɛ Kuw. Wɔyɛ Yehowa Adansefo mpanyimfo kakraa bi a wɔhwɛ Yehowa Adansefo a ɛwɔ wiase nyinaa so, na wɔboa wɔn ma wɔsom Onyankopɔn yiye. Yɛn nhoma a yɛde kyerɛkyerɛ Bible no nyinaa, wɔn na edi anim ma yɛkyerɛw. Yehowa Adansefo dwumadi a ɛkɔ so wɔ wiase nyinaa no nso, Akwankyerɛ Kuw no mufo na edi anim. Nanso Akwankyerɛ Kuw no hu no sɛ, Yesu Kristo na odi Yehowa Adansefo anim kyerɛ wɔn kwan. Akwankyerɛ Kuw no asoɛe wɔ Yehowa Adansefo Adwumayɛbea ti wɔ Warwick, New York, USA.

amanaman ntam nhyiam. Ɛyɛ nhyiam bi a Yehowa Adansefo de nnansa yɛ. Wɔhyiam saa a, wɔbom som Onyankopɔn, na wɔtie Bible nkyerɛkyerɛ. Saa nhyiam yi, yɛnyɛ no afe biara; ɛwom ara a na yɛayɛ baako. Ɛrebedu so a, yɛtena ase hwɛ aman ne nkurow a yɛbɛyɛ bi wɔ so. Yɛto nsa frɛ Yehowa Adansefo a ɛwɔ aman horow so ma wɔba bi. Sɛ obi nyɛ Yehowa Danseni mpo a, obetumi aba bi. Nhyiam no botae ne sɛ ɛbɛma wɔn a wɔkɔ bi no atwe abɛn Onyankopɔn. Ɛsan ma baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu wɔ wiase nyinaa no kɔ nkan. Sɛ yɛrebɛyɛ nhyiam yi bi a, yɛtaa kogye baabi, na yɛayɛ wɔ hɔ. Yɛyɛ no Fida kosi Kwasida.

asafo. Ɛyɛ Yehowa Adansefo dodow bi a wɔtaa hyiam som. Asafo biara wɔ asafo mu mpanyimfo. Sɛ asafo no hyiam a, dwumadi bebree na ɛkɔ so wɔ hɔ a wɔde sua Bible. Saa dwumadi ahorow yi, asafo mu mpanyimfo no na edi anim. Afei nso, mpanyimfo no kyerɛkyerɛ asafo no ma wɔde Onyankopɔn afotu bɔ wɔn bra. Wɔsan boa asafo no mufo mmaako mmaako ma wɔde Bible mu afotu bɔ wɔn bra. Wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo tumi ba yɛn asafo nhyiam no bi.

asafo mu panyin. Ɔyɛ Yehowa Danseni barima a ɔte Onyankopɔn som ase yiye paa. Sɛ obi yɛ panyin a, n’adwuma ne sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ asafo no mufo, na wama n’ani aku wɔn mu biara ho. Sɛ yɛbɛpaw obi sɛ panyin a, yedi kan hwɛ sɛ ɔde kyerɛwnsɛm a edidi so yi rebɔ ne bra anaa: 1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9; Yakobo 3:17, 18; ne 1 Petro 5:2. Asafo mu mpanyimfo no, ɛnyɛ sɛ asafo a wɔwom no afa wɔn adwuma, anaa Yehowa Adansefo adwumakuw bi afa wɔn adwuma. Adwuma a asafo mu mpanyimfo yɛ no, wɔnnye akatua biara. Wɔn mu dodow no ara yɛ adwuma de hwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. Asafo mu mpanyimfo no ne asafo no mufo a aka nyinaa yɛ nnipa baako; ɛnyɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no yɛ asɔfo, ɛnna wɔn a aka no yɛ asɔremma. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ asafo mu panyin a, ɛnyɛ abodin a yɛde hoahoa no.

asafo mu somfo. Ɔyɛ Yehowa Danseni barima a Onyankopɔn som ho hia no paa. Ɔyɛ nnwuma bi wɔ asafo no mu de boa asafo mu mpanyimfo no. Sɛ obi betumi abɛyɛ asafo mu somfo a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ara de asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 3:8-10, 12, 13 ne Tito 2:2, 6-8 no bɔ ne bra. Ntotoe a asafo mu mpanyimfo ayɛ wɔ asafo no mu no, asafo mu asomfo no boa ma ɛyɛ adwuma kama, na wɔyɛ nneɛma pii nso de boa asafo no. Asafo mu asomfo no, ɛnyɛ sɛ asafo a wɔwom no afa wɔn adwuma, anaa Yehowa Adansefo adwumakuw bi afa wɔn adwuma. Adwuma a asafo mu asomfo yɛ no, wɔnnye akatua biara. Wɔn mu dodow no ara yɛ adwuma de hwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. Sɛ wɔkɔ so de Bible no bɔ wɔn bra a, akyiri yi wɔtumi bɛyɛ asafo mu mpanyimfo. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ “asafo mu somfo” a, ɛnyɛ abodin a yɛde hoahoa no.

asɛmpaka. Hwɛ: asɛnka adwuma.

asɛnka adwuma. Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo no sɛ, wɔnka “Ahenni no ho asɛmpa” nkyerɛ nkurɔfo ‘wɔ asaase so nyinaa mfa nni amanaman nyinaa adanse.’ Enti sɛ Yehowa Danseni ka asɛmpa no bi kyerɛ obi anaa ɔne asafo no bom ka asɛmpa no a, ɛkyerɛ sɛ ɔreyɛ asɛnka adwuma.—Mateo 24:14; 28:19.

Baa Boayikuw. Sɛ yebue Betel wɔ ɔman bi so a, ɛyɛ a wɔyi mpanyimfo mmiɛnsa anaa nea ɛboro saa ma wɔda ano. Nnwuma a yɛyɛ wɔ saa man no mu no, wɔn na wɔhwɛ yɛ ho ntotoe nyinaa. Betel no bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wɔn man mu nko ara na wɔhwɛ so; aman foforo nso hyɛ wɔn ase. Enti Betel a ɛte saa no, saa mpanyimfo yi ara na wɔhwɛ nnwuma a ɛkɔ so wɔ saa aman no nyinaa so. Mpanyimfo yi na yɛfrɛ wɔn Baa Boayikuw.

baa dwumadibea. Sɛ yɛka baa dwumadibea a, ɛyɛ Yehowa Adansefo ɔfese kɛse a ɛwɔ ɔman bi so; ɛhɔ ara nso na Baa Boayikuw no yɛ adwuma. Nneɛma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ saa ɔman no mu anaa aman foforo so no, ɛhɔ na yɛyɛ ho ntotoe ma biribiara kɔ so wɔano wɔano.

Baguam Nhyiam. Ɛyɛ asafo nhyiam a yɛtaa yɛ no Memeneda anaa Kwasida. Yɛkɔ a, yetie Bible mu ɔkasa. Yɛde simma 30 na ɛma ɔkasa no, na emu nsɛm no kɔ ma obiara; wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo nyinaa ka ho. Yewie a, yɛde dɔnhwerew baako bɔ Bible mu asɛm bi ho nkɔmmɔ. Yɛfa saa asɛm no fi Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no mu. Ɛyɛ nsɛmmisa ne mmuae; yebisa asɛm no a, obiara tumi ma mmuae no bi. Sɛnea Yehowa Adansefo nhyiam nyinaa te no, wei nso, sɛ obi hwɛ bi wɔ Intanɛt so oo, sɛ ɔno ara ba hɔ oo, yennye no sika biara, na yennyigye kɔlɛhyen nso.

Betel, Betelfo, Betel abusua. “Betel” yɛ Hebri asɛmfua, na ɛkyerɛ “Onyankopɔn Fie.” Sɛ wokɔ aman bebree so a, Yehowa Adansefo wɔ dan anaa ɔfese kɛse wɔ hɔ, na adwuma a yɛyɛ wɔ hɔ ne sɛ, Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ, ne biribi foforo biara a yɛyɛ wɔ saa man no mu no, ɛhɔ na yɛyɛ ho ntotoe. Saa adan no, yɛfrɛ no Betel. Ɛnyɛ ɔman biara na Betel wɔ hɔ; ɔman bi wɔ hɔ a, Betel a ɛwɔ ɔman foforo so na ɛhwɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ hɔ no so. Yehowa Adansefo a ɛyɛ adwuma wɔ Betel no, yɛfrɛ wɔn “Betelfo.” Betelfo a ɛwɔ ɔman bi so no, yɛka wɔn bom a, yɛfrɛ wɔn “Betel abusua.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Betel hɔ na wɔn nyinaa te; ɛhɔ ara na wɔyɛ adwuma, na ɛhɔ ara nso na wɔsom Onyankopɔn. Enti wɔakɔyɛ sɛ abusua baako. Edin “Betelfo” no, ɛnyɛ abodin a yɛde hoahoa wɔn a ɛyɛ adwuma wɔ Betel no.

Gilead, Gilead Sukuu. Ɛno ara na yɛfrɛ no Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no. Yɛtee sukuu no afe 1943 mu. Ahyɛase no, na yɛde sukuu no tete nkurɔfo ma wɔkɔtrɛw asɛmpa no mu wɔ aman foforo so. Seesei, yɛde abosome nnum na ɛyɛ sukuu yi. Yɛyɛ ma Yehowa Adansefo, na wɔkɔ a, wɔhyɛ da kosua Bible no te ase yiye. Sɛ yɛreka sukuu no ho asɛm na yɛankyerɛw edin no nyinaa, na yɛkyerɛw “sukuu” nko ara a, ɛnde yɛde akyerɛwde ketewa na efi ase. Enti yɛkyerɛw no sei: “sukuu.”

Kyerɛw KronkronWiase Foforo Nkyerɛase. Bible no, kyerɛ sɛ, Hebri Kyerɛwnsɛm (anaa Apam Dedaw) ne Greek Kyerɛwnsɛm (anaa Apam Foforo) no nyinaa, Yehowa Adansefo akyerɛ ase aprente. Edin a yɛde ato so ne Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase. Yetumi nso twa no tiaa frɛ no Wiase Foforo Nkyerɛase.

Nhyiam Asa anaa Yehowa Adansefo Nhyiam Asa. Ɛyɛ baabi kɛse a ɛwom ara a Yehowa Adansefo kohyiam som Onyankopɔn. Yehowa Adansefo nsafo bebree a ɛwɔ mpɔtam baabi na ɛbom kohyiam wɔ hɔ. Nhyiam asa a yɛreka ho asɛm yi, ɛyɛ Yehowa Adansefo ankasa dea.

nhyiam. Hwɛ: ɔmansin nhyiam, ɔmantam nhyiam, ne amanaman ntam nhyiam

Nkaedi anaa Yesu Wu Nkaedi. Ɛyɛ Kristo wu a yɛkae no afe biara. Yɛsan nso frɛ no Awurade Anwummere Aduan. Yehowa Adansefo bu nkaedi no sɛ, ɛno ne dwumadi a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no afe biara, na ɛno nko ara ne ɔsom mu afahyɛ a Kristo hyɛɛ da ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnni.—Luka 22:19, 20.

nnawɔtwe mfinimfini adesua. Ɛyɛ asafo nhyiam bi a yɛyɛ no nnawɔtwe biara. Yɛtaa yɛ no anwummere. Efi Dwoda kosi Fida, yetumi yi emu biara de yɛ. Nnawɔtwe mfinimfini adesua a yɛyɛ no, edin a ɛda so ne Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka, na ɛwɔ afã mmiɛnsa. Adesua no botae ne sɛ, ɛbɛboa Yehowa Adansefo ama wɔayɛ Onyankopɔn adwuma no yiye. Sɛnea Yehowa Adansefo adesua nyinaa te no, wei nso sɛ obi ba ase oo, sɛ ɔhwɛ wɔ Intanɛt so oo, yennye no sika.

Nyan! Ɛyɛ nhoma bi a Yehowa Adansefo prente na wɔkyekyɛ ma nkurɔfo. Afe 1919 na yefii ase kyerɛw saa nhoma yi. Saa bere no, na yɛfrɛ no The Golden Age. Afe 1937 mu no, yɛsesaa din no bɛfrɛɛ no Consolation. Ɛno akyi no, yɛsan sesaa din no bio. Nea ɛbaa August 22, 1946 mu no, edin a na ɛda so ne Nyan! Saa din no na yɛde ato so ara abesi nnɛ. Nea enti a yɛde edin Nyan! too so ne sɛ, ɛbɛboa akenkanfo ama wɔahu sɛ yɛte awiei mmere mu.

onua. Ɛyɛ din a yɛde frɛ barima a wabɔ asu abɛyɛ Yehowa Danseni. Sɛ yɛka “onua,” na yɛamfa din biara ansɔ so a, “o” a edi kan no, yɛkyerɛw no ketewa—“onua.” Nanso sɛ yɛde obi din sɔ so de a, ɛnde “o” a edi kan no, yɛkyerɛw no kɛse. (Ɛho nhwɛso ni: Onua Smith.) Yɛfrɛ obi onua a, ɛnyɛ abodin a yɛde hoahoa no. Sɛ Yehowa Danseni bi yɛ ɔbea a, yɛfrɛ no onuawa. (Ɛho nhwɛso ni: Onuawa Smith.)

onuawa. Ɛyɛ din a yɛde frɛ ɔbea a wabɔ asu abɛyɛ Yehowa Danseni. Sɛ yɛka “onuawa,” na yɛamfa din biara ansɔ so a, “o” a edi kan no, yɛkyerɛw no ketewa—“onuawa.” Nanso sɛ yɛde obi din sɔ so de a, ɛnde “o” a edi kan no, yɛkyerɛw no kɛse. (Ɛho nhwɛso ni: Onuawa Smith.) Yɛfrɛ obi onuawa a, ɛnyɛ abodin a yɛde hoahoa no. Sɛ Yehowa Danseni bi yɛ ɔbarima a, yɛfrɛ no onua. (Ɛho nhwɛso ni: Onua Smith.)

ɔdawurubɔfo. Ɛyɛ obi a ɔwɔ Yehowa Adansefo asafo no mu a yɛama no kwan sɛ obetumi ne asafo no abom akɔ asɛnka. Sɛ obi betumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo a, ɛsɛ sɛ ɔte Bible nkyerɛkyerɛ ase na ogye di. Afei nso ɛsɛ sɛ ɔde Onyankopɔn mmara bɔ ne bra. Asɛnka adwuma a adawurubɔfo yɛ no, yentua wɔn ka, na ɛnyɛ sɛ asafo a wɔwom no afa wɔn adwuma, anaa Yehowa Adansefo adwumakuw bi afa wɔn adwuma. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ “ɔdawurubɔfo” a, ɛnyɛ abodin a yɛde hoahoa no.

ɔkwampaefo. Ɛyɛ din a yɛde frɛ obi a watu ne ho ama sɛ bosome biara ɔde nnɔnhwerew dodow bi bɛka asɛmpa no. Yɛwɔ “daa akwampaefo,” ɛnna yɛwɔ “akwampaefo boafo.” Sɛ obi yɛ “daa kwampaefo” a, yɛtaa twa no tiaa frɛ no “ɔkwampaefo.” Obi yɛ “akwampaefo boafo” a, ɛno nso ɛtɔ da a yetumi twa no tiaa frɛ no “ɔkwampaefo.” Ma yenni kan nhwɛ “daa akwampaefo.” Sɛ obi yɛ “daa kwampaefo a, ɛkyerɛ sɛ afe biara, ɔde nnɔnhwerew 600 na ɛka asɛmpa no (kyerɛ sɛ, bosome biara nnɔnhwerew 50). Sɛ obi yɛ “akwampaefo boafo” nso ɛ? Ɔde nnɔnhwerew 15 anaa 30 na ɛka asɛmpa no bosome a ɔde bɛyɛ akwampaefo boafo no. Otumi nso de abosome dodow bi yɛ. Biribiara a akwampaefo yɛ wɔ Yehowa som mu no, sɛ wɔn nko ara na ɛreyɛ oo, sɛ wɔne asafo no na ɛbom yɛ oo, yentua wɔn ka. Afei nso, ɛnyɛ sɛ asafo a wɔwom no afa wɔn adwuma, anaa Yehowa Adansefo adwumakuw bi afa wɔn adwuma. Wɔn mu dodow no ara yɛ adwuma de hwɛ wɔn ho. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ “ɔkwampaefo” a, ɛnyɛ abodin a yɛde hoahoa no.

ɔmansin. Yɛka ɔmansin a, ɛyɛ Yehowa Adansefo nsafo a ɛwɔ mpɔtam baabi a yɛaka abom.

ɔmansin nhyiam. Ɛyɛ nhyiam bi a Yehowa Adansefo de da koro yɛ. Sɛ edu so a, nsafo dodow bi na ɛka bom yɛ. Afe biara, yɛyɛ no mprenu. Wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo tumi ba bi. Nhyiam no botae ne sɛ ɛbɛma wɔn a wɔkɔ bi no atwe abɛn Onyankopɔn. Nhyiam no boa mpanyin ne mmofra, mmerante ne mmabaa nyinaa ma obiara nya Bible mu afotu a ɔde bɛbɔ bra. Afei nso, nneɛma a ɛkɔ so wɔ yɛn abrabɔ mu da biara no, yetumi de bi yeyɛ ɔyɛkyerɛ wɔ nhyiam no ase. Ɛboa wɔn a ɛba bi no ma wɔhu sɛnea wɔde Bible mu nsɛm a wɔresua no bɛyɛ adwuma. Yɛtaa yɛ nhyiam no wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa so; ebinom nso tumi hwɛ wɔ Intanɛt so. Ɔmansin nhyiam a yɛreka ho asɛm yi, yɛtaa yɛ no Memeneda anaa Kwasida.

ɔmansin sohwɛfo. Ɔyɛ asafo mu panyin a onim asafo mu mpanyimfo adwuma no ani so yiye. Baa dwumadibea a ɛwɔ ne man mu na ɛma no akwankyerɛ a ɔde yɛ n’adwuma no. Adwuma a ɔyɛ ne sɛ, ɔsrasra nsafo a ɛwɔ ne mansin mu nyinaa. Ɔtaa sra asafo biara mprenu afe biara. (Sɛ waware a, ɔne ne yere na ɛkɔ.) Sɛ ɔkɔsra asafo bi a, ɔhyɛ asafo no mufo nkuran. Asafo mu mpanyimfo ne asafo mu asomfo a ɛwɔ hɔ no nso, ɔhyɛ wɔn nkuran, ɔma wɔn nyansahyɛ a ɛbɛboa wɔn, na ɔkyerɛ wɔn nneɛma bi ani so. Sɛ ɔmansin sohwɛfo kɔsra asafo bi a, ɔde n’ani to fam hwɛ nea wɔhia, na wama wɔn akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ ɔmansin sohwɛfo a, ɛnyɛ abodin a yɛde hoahoa no.

ɔmantam nhyiam. Ɛyɛ nhyiam kɛse a yɛyɛ no afe biara. Yɛde nnansa na ɛyɛ. Nsafo bebree a ɛwɔ mpɔtam baabi na ekohyiam yɛ saa nhyiam no. Nhyiam no botae ne sɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛatwe abɛn Onyankopɔn. Sɛ obi nyɛ Yehowa Danseni koraa a, otumi ba bi. Obi ba bi a, yennye no sika. Nhyiam no boa mpanyin ne mmofra, mmerante ne mmabaa nyinaa ma obiara nya Bible mu afotu a ɔde bɛbɔ bra. Afei nso, nneɛma a ɛkɔ so wɔ yɛn abrabɔ mu da biara no, yɛhwɛ ho ɔyɛkyerɛ anaa video wɔ nhyiam no ase. Ɛboa wɔn a ɛba bi no ma wɔhu sɛnea wɔde Bible mu nsɛm a wɔresua no bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛrebɛyɛ nhyiam yi bi a, yɛtaa kogye baabi, na yɛayɛ wɔ hɔ. Yetumi yɛ wɔ stadium anaa baabi a ɛhɔ bae. Sɛ nnipa a ɛbɛba bi no nnɔɔso saa a, yetumi yɛ wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ mpɔtam hɔ no so. Yɛtaa yɛ nhyiam no Fida kosi Kwasida. Nnansa yi, yetumi kyere nhyiam no nyinaa gu Intanɛt so, na sɛ obi pɛ a, yetumi de ma no ma ɔhwɛ bi.

Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ. Nsɛmma nhoma titiriw a Yehowa Adansefo tintim kyekyɛ ma nkurɔfo no, edin a ɛda so ne no. Wubetumi nso atwa no tiaa afrɛ no Ɔwɛn-Aban. Nea enti a yɛde saa din no ato so ne sɛ, nsɛmma nhoma no boa nkurɔfo ma wɔwɛn, anaa ɛboa wɔn ma wɔde wɔn ani to fam hwɛ sɛnea nneɛma a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no reba mu. (Mateo 24:42) Ɔwɛn-Aban no, yɛwɔ ɔmanfo de, ɛnna yɛwɔ nea adesua nsɛm wom. Ɔmanfo de no, yɛkyekyɛ ma nkurɔfo. Obiara a ɔpɛ bi no, yɛma no bi; yennye sika biara. Nea adesua nsɛm wom no, Yehowa Adansefo nsafo a ɛwɔ wiase baabiara sua bi nnawɔtwe biara. Ɛyɛ nsɛmmisa ne mmuae. Afe 1879 na yɛhyɛɛ ase prentee Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no. Nsɛmma nhoma biara nni wiase a yɛprente kyekyɛ no bebree sɛ Ɔwɛn-Aban no.

Yehowa. Bible ma yehu sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no, ne din de Yehowa. (Dwom 83:18) “Yehowa” nyɛ din a yɛde frɛ Yehowa Adansefo. Enti sɛ obi yɛ Yehowa Danseni a, yɛmfrɛ no Yehowani.

Yehowa Adansefo. Yɛyɛ Kristofo kuw a yɛsom Yehowa Nyankopɔn, na yɛyere yɛn ho de Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfo. Yɛwɔ akwan horow bebree a yɛfa so yɛ saa adwuma yi. Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ no, ne botae paa ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni anaa Onyankopɔn aban a ɛwɔ soro no ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo. (Mateo 24:14) Yɛn din no ma obiara hu sɛ, ɛsono yɛn na ɛsono ɔsom ahorow a aka no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, edin no ma obiara hu onii ko a ne din da yɛn so no. Afei nso ɛma obiara hu adwuma a yɛatu yɛn ho ama reyɛ; ɛne sɛ yɛde Bible bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo. Saa adwuma yi, yɛyɛ wɔ Onyankopɔn din mu. Obiara ntumi mfiti prɛko pɛ nka sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni gye sɛ wate Bible nkyerɛkyerɛ ase sɛnea ɛfata. Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔfata sɛ ɔne Yehowa Adansefo asafo no bom yɛ asɛnka adwuma no. Nea ɛka ho bio ne sɛ, gye sɛ ɔbɔ asu de kyerɛ sɛ ɔde ne ho ama Onyankopɔn. Sɛ obi rekyerɛw biribi afa yɛn ho a, baabi a yɛn din no bedi kan apue no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw no sei: “Yehowa Adansefo.” Obetumi nso akyerɛw no “Adansefo no.” Sɛ ɔreka yɛn mu baako pɛ ho asɛm a, obetumi akyerɛw no “Ɔdanseni” anaa “Yehowa Danseni.” Ɛnyɛ papa sɛ ɔkyerɛw no “Yehowani” anaa “Yehowafo.”—Yesaia 43:10.

Yesu Kristo. Ɔyɛ Onyankopɔn abakan. Yehowa Adansefo bu Kristo sɛ ɔno na odi yɛn anim kyerɛ yɛn kwan. Yɛyere yɛn ho paa sɛ yebesuasua no na yɛde ne nkyerɛkyerɛ abɔ yɛn bra. Yebu no sɛ ɔno ne onipa titiriw paa a watena asaase so pɛn. Ɔno ne Yehowa Danseni a odi mu paa, na ɔno na Yehowa Nyankopɔn nam ne so begye nnipa nkwa.—Yesaia 9:6, 7; Adiyisɛm 1:5.

HYƐ WEI NSOW: Sɛ wode Yehowa Adansefo ho asɛm bi reto gua anaa worekyerɛw yɛn ho asɛm bi a, bere a edi kan a yɛn din no bepue no, yɛsrɛ wo kyerɛw edin no sei: Yehowa Adansefo.